Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Nana Tuffour
Nana Tuffour
Vocals
COMPOSITION & LYRICS
Nana Tuffour
Nana Tuffour
Composer
PRODUCTION & ENGINEERING
Nana Tuffour
Nana Tuffour
Producer

Lyrics

Me yere dada ei, san bɛwaa me
Na foforɔ baaeɛ no, adeɛ a ɔreyɛ no, m'ani nnye ho koraa
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Na foforɔ baaeɛ no aah, adeɛ a ɔreyɛ no, m'ani nnye ho koraa
Yɛmfa nyɛ me ah
Mese yɛmfa nyɛ me
Onipa redi dɛ a ɔnhunu
Mmarima mpɛ deɛ ɛho dwoɔ
My dear ei, me ne wo gyaaeɛ no a
Honam akɔnnɔ bɔne nti, mekɔ kɔfaa ɔbaa bi a
Ɔbaa yi ara na ɛbɛku me
Wokɔ awareɛ a bisa o, mpanimfoɔ kaaeɛ a yɛmmoa koraa
Ɛtɔ da bi a ɔtumi ma ɛkɔm de me
Ah, mekɔka a na asɛm aba
Ɔbaa yi nso so ware kyɛn me o
Ɔde borɔ ara aah na ɛbɛku me
Nnaanu mu hɔ bi
Mese meresɔ m'ahoɔden ahwɛ
Ɔbaa yi maa me so a, me na meda fam yi
Yie ei, me na m'asɛm ni
Maame Adwoa ei, wokaaeɛ o
Wo boɔ na ɛda hɔ yi
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Na foforɔ baaeɛ no, adeɛ a ɔreyɛ no, m'ani nnye ho koraa
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Na foforɔ baaeɛ no aah, adeɛ a ɔreyɛ no, m'ani nnye ho koraa
Ɔsɔre anɔpa a na wamuna tumm
Ɛyɛ a na ɔrepɛ me ntɔkwa
Makɔwar' ɔbaa anumoɔdɛfoɔ ei, Abrafi Anokwa ei
Wokɔ awareɛ a bisa o, mpanimfoɔ kaaeɛ a yɛmmoa koraa
Ɔnyɛ nea mepɛ
Mese ɔnyɛ nea mepɛ
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Me ho reyɛ akyere me
Ebi ara ne sɛ ɔnnim yɛaduru nnipa mu
Ɔbɛteatea me saa ara, ɔsɔ kasa mu a ɔntwa so da
Ah, anumdwa deɛ ɔfa no kwa
Mese mepɛ o, honam akɔnnɔ bɔne yi aah
Afei deɛ, magye m'ani so o
Maame Adwoa ei, wo boɔ nie
Obi nkɔka mma me aah
Mese monkɔka mma me
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Me ho reyɛ akyere me
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Na foforɔ baaeɛ no, adeɛ a ɔreyɛ no, m'ani nnye ho koraa
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Na foforɔ baaeɛ no, adeɛ a wayɛ no, m'ani nnye ho koraa
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Na foforɔ baaeɛ no, adeɛ a ɔreyɛ no, m'ani nnye ho koraa
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Na foforɔ baaeɛ no aah, adeɛ a ɔreyɛ no, m'ani nnye ho koraa
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Na foforɔ baaeɛ no, adeɛ a ɔreyɛ no, m'ani nnye ho koraa
Me yere dada ei, san bɛwaa me
Written by: Nana Tuffour
instagramSharePathic_arrow_out