Lyrics
[PreChorus]
Yee, onwunu adwo
My people, yɛrebɔ dawuro, nti monyaa aso
Yee, onwunu adwo
My people, yɛrebɔ dawuro, nti monyaa aso
[Chorus]
Yɛɛkyiakyia mo nyinaa, yɛde nkaseɛbɔ brɛbrɛ mo nyinaa
Yɛɛkyiakyia mo nyinaa, yɛde nkaseɛbɔ brɛbrɛ mo nyinaa
La la la la la la la
Mmiɛnsa, mmienu, baako, hwii boom
La la la la la la
Sɛ wɔapie sɛ asa afei ka w'ano to mu
[Verse 1]
Ɔman dehyeɛ mekyia mo
Execution FM na mo aso gu so
Nɔnsia kaseɛbɔ, mederebrɔ mo
Mo somfo Guru na ɛde kaseɛbɔ yi rebrɛ mo
Nsɛm no dɔɔso, mabɔ no tɔfa
Deɛ adi ho akotene nso na mederebɛto dwa
Yɛwɔ surprise bi ɛwɔ yɛ telephone
Ne latest track mpo na medeayɛ me ringtone
Agya, mema wo akwaaba ba efidie yi so
FM yi wɔ nsɛm bi a, yɛpɛ sɛ yɛbisa wo
Ɛyɛ a, nkrɔfɔ taa frɛ bisa me sɛ
Mereka no sɛn Ɔbrafoɔ yi ɔwɔ Ghana ha?
Ebinom se yɛtee wo nka wɔ America
Campaign trail, wo ne Obama, ɛyɛ ampa?
Ɛno nti na mebɔɔ kɔn tene kɔɔtwi deɛ a Breman nsɛmtwerɛfoɔ ɛbɛ pɛɛ wo
Agya merebisa wo question, wo deɛ gyina so minute tiaa bi ma menbɔ me bow-tie
You've been away for too long
Ama mpopɔtwewa bi ahyɛ aseɛ grow horn
Nti da bɛn koraa na wobɛpie?
W'apawa foforɔ no, da bɛn woreda no adie?
[Verse 2]
Meda wo ase, wose deɛn ni, radio bɛn ni?
Hello, hello, hello
Yɛte wo nka, wo deɛ kasa
Yie, m'ahoma yi koraa deɛn ni?
Wote me nka (Aane)
Metumi kasa (Aane, kɔ so)
Ei, sorry, na m'ahoma retwetwa
Yoo, wei deɛ woabisa bi, na me nsɛmpa
Ɛyɛ nokware trodoo, motee me nka akyɛ
Mekɔɔgye m'ahome, ɛtɔ da a, na mede me ho atɛ
Na wose sɛn, wose, me ne Obama na, yɛreto Hosanna, wɔ he? Oh Ghana
Me mpo meteeyɛ, yɛse mehyɛ Kanta
Nkrɔfoɔ se m'anum nsɛm asa, mentumi mpie da
Ɛnso ɛnyɛ nokorɛ, false propaganda
Nipa bonefoɔ, Taliban na Al-Qaeda
Wɔkankye, nante me nti na wɔ chante
Ɛneɛ monya adaagye, afei na morebɛhwease
Mete ase, afei na merebɛyɛ no gidigidi
De agyegye mo cedi cedi, mombɛhwɛ me fiili fiili
Live on your TV TV
Ɔbrafoɔ mate paka na mereye huri huri, ɛbɛyɛ mo sɛ sini sini
[Verse 3]
Okay, bra panyin, gyina so ansa
Amanfoɔ, yɛrekɔgye nkratoɔ aba
[Verse 4]
Na ɛhyɛ mu
Sɛ menni hɔ anka mopɛ
Agyinamoa nni fie a, nkura twe kɛtɛ
Nnyɛ mo na moayɛ o, mea na mayɛ
Sɛ me kɔɔ yɛ, maba, monbɔbɔ mo kɛtɛ
Na ɛhyɛ mu
[Verse 5]
Atiefoɔ, yɛ kɔɔ gye nkra, afei y'aba biom
Me ne Ɔbrafoɔ bɛtoatoa yɛn nkɔmmɔ didie mu
Ɔbrafoɔ, wowɔ hɔ? Anaa yɛ tetephone no mpo ate kɔ?
Nti mo deɛ, momma yɛntoa kaseɛbɔ yi so
Yɛnsa ka no a, yɛbɛ san de no ato ahoma ne so
Nkra yɛn nsa aka firi Kumasi ne sɛ
Nnwomtonii OK, nso akɔto mmona
Ɔde abaayewa bi a, adi nfie nwɔtwe aforo mpa
Wɔayene no, wɔayɛ no dosodoso, awenyaa
Ka na wu, ɛyɛ sene sɛ deɛ woretweetwee
Deɛ ɔnni nokorɛ awene ne se retweetwee
Ɔbɛdane san bɛdane, ɛne n'adwendwene
Abɔdin fata wo a, na wodi ho post
Nanso deɛ mehunu yi, mehunu wɔn mo te sɛ China phone
Obi agye abɔso "Best Rapper Alive"
Nanso yɛhwehwɛɛ mu, ne album mpo nduruu five
Nana, woaba ahoma yi so, ma menbisa wo
Nsɛm bi sei, wodwene ho sɛn, anaa meehaw wo?
[Verse 6]
Woama m'ani agye, me nua si aboterɛ
Democracy nti, obiara ne n'adwenkyerɛ
Momma mo bonfu, awiase, biribiara wɔ ne mmerɛ
Nananom aka ato hɔ dada, masan sensrɛ
Yɛse ɔkɔtɔ de anibrɛ sɔ deɛ ɛnsɔ a, ɔbu n'aprɛ
Mongyae no, wɔayɛ agrɛ, daakye ɔbɛka nokorɛ
Abɛkyi a, ɔbutu kwan ho mpo, se wɔanyini
Wosi kwan so sɛ wanyini, na deɛ ɔde wo butuu hɔ
Ɛyɛ a, na ɛyɛ me mɔbɔ, ɔdasani nhu ne ho mɔbɔ
Pagya n'abɛti sɛ bɛpɔ na wɔɔkeka mu sɛ sebɔ
Sɛ wogyenegyene wo ho, wopae sɛ pɔmpɔ
Wo ara wokanfo wo ho a, ɛnkyɛ na woate atɔ
[Verse 7]
Ah, ampa, w'ano ate
Gyabera wofiri ahenfie saa na mate
Asɛmbisa a, ɛtwa toɔ, Ɔbrafoɔ
Kɔnkɔnsanii bi a, ɔbɛto nsɛm twerɛfoɔ
Metee nnwom bi, "Killing the Game"
Nti yɛbɛyɛ no yie a, ɛno ne "Atopa Jenjen?"
Mepɛ sɛ wokyerɛ yɛn mu, simple and short, yɛse Hiplife awu
[Verse 8]
Oh, wahyɛ da anaa, Krakye?
Awuu dabɛn na mante?
Anaa ɛyɛ fish moakye no awe Auntie Muni waakye
Hiplife wu a, yɛbɛsu ama yɛ ti ate
Ɛneɛ sɛ anka afei na yɛn nyinaa yɛ to bɛtete
Deɛ menim ne sɛ music is dynamic
Deɛ ɔmpɛ nsakraɛ yɛ no na ahunu amane
Sɛ awu o anwuuyɛ o me deɛ anhia me
Ɛmom, woyɛ ɔdwomtonii, na woyɛ okunini
Sɛ ɛmmerɛ dane dane, na sɛ nnwom mane mane a
Me nua, ɛndwane dwane, dane wo ho bi (Ɔbrafoɔ, ɛnyɛ mmerɛ)
Wo deɛ, to wo bo na menkyerɛ wo me me concern
Nsɛmfuo a ɛwɔ nnwom mu a Obroni frɛ no content
Ɛno na ɛtɔ siin, mempɛ sɛ mɛbobɔ din
Da foforɔ, ma me mmerɛ na menkyerɛ m'adwen
[Verse 9]
Yoo, yɛ nsɛm pa o, amanfoɔ
Deɛ motee ne nka no ne rap Sɔfoɔ
Mo somfo Guru nie
[PreChorus]
Yee, onwunu adwo
My people, yɛrebɔ dawuro, nti monyaa aso
Yee, onwunu adwo
My people, yɛrebɔ dawuro, nti monyaa aso
[Chorus]
La la la la la la la
Mmiɛnsa, mmienu, baako, hwii boom
La la la la la la
Sɛ wɔapie sɛ asa afei ka w'ano to mu
La la la la la la la
Mmiɛnsa, mmienu, baako, hwii boom
La la la la la la
Sɛ wɔapie sɛ asa afei ka w'ano to mu
[Outro]
Mmiɛnsa, mmienu, baako, hwii boom
Sɛ wɔapie sɛ asa afei ka w'ano to mu
Written by: Michael Elliot Kwabena Okyere Darko