Featured In

Lyrics

[Verse 1]
Koomire no no, dabiaa na kɔnkɔnsa
Mewerɛ fi koraa nyɛ deɛ wode yɛɛ Amponsah
Adwen fii nti wodeɛ kɔ soa kyinkyim sa
Wonnim sɛ wo wɔ yere san wɔ mma
Ɛnnɛ wokɔɔ dwaso yɛtɔɔ sɛn?
Metɔn mensɛm no, mede bi fro hyɛn, na woɛ?
Wotɔn yɛ no wonnyaa deɛn? Animguaseɛ
Motete nnuase na nkorɔfo nsɛm
Nnipa sɛeɛ tumi kɔwie korɔnoo afam
W'akeka nsɛm aa, w'ahunu sɛ woho akam
Woto boɔ bɔ Nyame nso a, ɛbɔ woapampam
Kɔnkɔnsa no mondi no nyasa mu na ɛtan
Hwɛ sɛ woyare da mpam
Obi ne fie asɛm na wode woho ahyɛm nɛsoɔbɛn
Wei nkɔ ma moa monni mo fie asɛm
[Chorus]
Edwom te sɛn? (Ey-ey-ey)
Meho nsɛm a wootɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn? (Ey-ey-ey)
Ababawa eei wonyaa mfasoɔ bɛn aa? (Ey-ey-ey)
Dabiaa na kɔnkɔnsa no
Edwom te sɛn? (Ey-ey-ey)
Ɛne nkorɔfo nsɛm
Edwom te sɛn? (Ey-ey-ey)
Meho nsɛm a wootɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn? (Ey-ey-ey)
Ababawa eei wonyaa mfasoɔ bɛn aa? (Ey-ey-ey)
Nti wodeɛ dabiaa na kɔnkɔnsa no
Edwom te sɛn? (Ey-ey-ey)
Mentie neɛ obiaa bɛ ka biom
[Verse 2]
Adwen fii nti, dabiaa na ɔnam dan ho
Wakɔka obi ho asɛm nti, ɔde neho sie wɔntumi mfa kwan ho
Wɔnam park so a, onni ahotɔ nti dabiaa ɔde neho siesie nnipa
Dadowa kwaa kɔɔ atwee mantse nnipa wee yɛ maa netɔɔ nnipa yam
Pioneer kɔnkɔnsa, wɔkɔbisa
[Verse 3]
Wɔkɔ atifi kɔ hono nsuo no a na w'aba anaafo abɛbisa
W'aba anaafo abɛbisa, anomaa kokonekone
Wɔkɔ atifi kɔ hono nsuo no a na w'aba anaafo abɛbisa ee
W'aba anaafo abɛbisa, kɔnkɔnsa yi a gyae oo
[Verse 4]
Ɛnyɛ moa, dumsor n'aboa mo
Agye sɛ mo anhu sum na mo kɔ toaso
Obi yere afa yafunu wɔ Tulaaku
Nti ɛbaa ne sɛn na akɔ akɔ pue Aboabo?
Wɔbɛto neboase na w'aboa ano
Nsɛm a ɛhyɛ kokua mu koraa okura safoa no
Kɔnkɔnsa mu degree me se akua no mmm!
Me se wei kɔ ma mo a mo ndi mo fie asɛm
[Chorus]
Edwom te sɛn? (Ey-ey-ey)
Meho nsɛm a wootɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn? (Ey-ey-ey)
Ababawa eei wonyaa mfasoɔ bɛn aa? (Ey-ey-ey)
Dabiaa na kɔnkɔnsa no
Edwom te sɛn? (Ey-ey-ey)
Kɔnkɔnsa no
Edwom te sɛn? (Ey-ey-ey)
Meho nsɛm a wootɔn no yɛtɔɔ adeɛ sɛn? (Ey-ey-ey)
Kɔnkɔnsa krakye ei no wonyaa mfasoɔ bɛn aa? (Ey-ey-ey)

instagramSharePathic_arrow_out