Featured In

Lyrics

Apɛntɛm ne eniɛden na ɛnam
Sɛɛ nea ɔbrɛ pɛɛ yɛ enya o
Neɛ onyaa yɛ nso ampɛ
Nti yɛn to yɛ boase wɔ abrabɔ yi mu eh
Ewiase abrabɔ a yɛbɔ yi
Amirikatuo yi ɛmfa yɛn kɔsi baabiara
Beberebe yi, ɛmfa yɛn kosi hwee
Beberebe yi, beberebe yi, beberebe yi
Abrabɔ a yɛbɔ yi, beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Beberebe yi, beberebe yi, beberebe yi
Yɛnto yɛn boase o, beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Onipa brɛ ne ho firi anɔpa a
Ebe duru annwumerɛ na onni wiase yi mu biom
Neɛ ɔbrɛ pɛɛ yɛ yi, agyapadeɛ yi nyinaa ayɛ kwa o
Nti yɛɛyɛ biribi a mo ma yɛn to yɛ boase o
Na beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Ɔdasani ne sika manso yi a, manso a yetwi a entwa da yi a
Ɛde onipa bɛkɔ nea yɛnkɔ yi o
Ɛwɔ mu sɛ nkwankyɛn adeɛ ɛfɛ a, ne nyinaa sika yi a na yɛde tɔ
Na sɛ yɛɛyɛ biribi a mo ma yɛn to yɛ boase o
Na mprepreho yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Beberebe yi, beberebe yi, beberebe yi
Abrabɔ a yɛbɔ yi, beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Beberebe yi, beberebe yi, beberebe yi
Ewiase abrabɔ yi, beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Sɛ Onyame ammɔ wo safohene
Na wopre kɔ fa ahenekyɛ hyɛ a, menua e obiara nsom wo da o
Nea Onyame ahyira no na w'ahyira no
Wo fiti prɛko pɛ pɔ wo se a, yie na mogya a na ɛba
Sɛ yɛɛyɛ biribi a mo ma yɛn to yɛ boase o
Na mprepreho yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Ɔdasani ne sika manso yi a, manso a yetwi a entwa da yi a
Ɛde onipa bɛkɔ nea yɛnkɔ yi o
Ɛwɔ mu sɛ nkwankyɛn adeɛ ɛfɛ a, ne nyinaa sika yi a na yɛde tɔ
Na sɛ yɛɛyɛ biribi a mo ma yɛn to yɛ boase o
Na mirikatuo yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Beberebe yi, beberebe yi, beberebe yi
Abrabɔ a yɛbɔ yi, beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Beberebe yi, beberebe yi, beberebe yi
Yɛbɛ dane agya o, beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Onipa brɛ ne ho firi anɔpa a
Ebe duru annwumerɛ na onni wiase yi mu biom
Neɛ ɔbrɛ pɛɛ yɛ yi, agyapadeɛ yi nyinaa ayɛ kwa o
Nti yɛɛyɛ biribi a mo ma yɛn to yɛ boase o
Na mprepreho yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Beberebe yi, beberebe yi, beberebe yi
Yɛbɛ dane agya o, beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Beberebe yi, beberebe yi, beberebe yi
Ewiase abrabɔ yi, beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Beberebe yi, beberebe yi, beberebe yi
Yɛbɛ dane agya o, beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Beberebe yi, beberebe yi, beberebe yi
Abrabɔ a yɛbɔ yi, beberebe yi ɛmfa yɛn kosi hwee
Written by: Amakye Dede
instagramSharePathic_arrow_out