Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Dada KD
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Dada KD
Songwriter
Lyrics
Yeah, hello
Hey!
Maame Yaa (Daa K'Dua?)
Dada Kwaku Dua (sorry)
Dada Kwaku Duah, okay (Dada Kwaku Duah)
Dada Kwaku Duah
Mafrɛ ma ɛkɔ
Me ne no akasa ama m'akoma adɔ
Mafrɛ ma ɛkɔ
Yɛabɔ nkɔmmɔ dɛ
M'akoma ɛredɛre, dɛre, aah
Mafrɛ ma ɛkɔ
Me ne no akasa ama m'akoma adɔ
Akoma redɛre
Saa adeɛ wei na ɛkeka ebi se mu yi?
Saa adeɛ wei na ɛkeka ebi se mu yi?
Yeah
Ɔbaa yi se ɔmpɛ me, mpɛ me yi
Na ɔmpɛ me, mpɛ m'anim ahwɛ (konji, konji)
Ahomatorofo a ɔde maa me yi
Na medwen sɛ ɛyɛ wrong number (konji, konji)
Me dɔ yi se ɔmpɛ me a, na ɔnhia me a
Nka ɔnnidi m'anim, ngyegye m'ani
Mfa ne fie ahomatorofo yi mma me sɛ
Mehia no a, memfrɛ no
Ɔbaa yi se ɔmpɛ me, mpɛ me yi
Na ɔmpɛ me, mpɛ m'anim ahwɛ (konji, konji)
Ahomatorofo a ɔde maa me yi
Na medwen sɛ ɛyɛ wrong number (konji, konji)
Me dɔ yi se ɔmpɛ me a, na ɔnhia me a
Nka ɔnnidi m'anim, ngyegye m'ani
Mfa ne fie ahomatorofo yi mma me sɛ (ngyegye m'ani, ngyegye m'ani)
Mehia no a, memfrɛ no
Mehyiaa no agorɔ bi ase a, wanom ne nsa a ɔredi n'asa
Mebuu no bomfeaa animtia, 'firisɛ na ɔyɛ ateaa
Na ne nneɛma bi a ɔyɛ, ɛboro adwen ne nteaseɛ so
Na menim sɛ mmaa bi, saa na deɛ ɛwɔ m'anim ɔ'duru o
Ɔdɔ ei, waduro kyinkyin, kyinkyini a ɔnya abɛ wɔ
Mehyiaa no agorɔ bi ase a, wanom ne nsa a ɔredi n'asa
Mebuu no bomfeaa, animtia, 'firisɛ ɔyɛ ateaa
Na ne nneɛma bi a ɔyɛ, ɛboro adwen ne nteaseɛ so
Na menim sɛ mmaa bi, saa na deɛ ɛwɔ m'anim ɔ'duru o, Kwaku
Ɔdɔ ei, waduro kyinkyin, kyinkyini a ɔnya abɛ wɔ
Ɔde adeɛ a ɛ'dɛ ahɔtere m'adwen ho, ao (ma m'adwen anane)
Ɔde adeɛ a ɛ'dɛ ahɔtere m'adwen ho, ao
Merewu o (ma m'adwen anane)
Ɔde adeɛ a ɛ'dɛ (adeɛ a ɛ'dɛ yi aah)
Ahɔtere, hɔtere m'adwen (ahɔtere, hɔtere, aah)
'Ne ho (ahɔtere, hɔtere, aah)
Ma m'adwene asɛe
Ɔde adeɛ a ɛ'dɛ (adeɛ a ɛ'dɛ)
Ahɔtere, hɔtere m'adwen (ahɔtere, hɔtere o)
'Ne ho (Dada ei)
Ma m'adwen asɛe
Mandi ne dɔ yi dɛ akyi a, nka meyɛ nipa bɔne o (m'akoma mpo yɛ me ya)
Mandi ne dɔ yi dɛ akyi a, nka meyɛ nipa bɔne o
Oh my (m'akoma mpo yɛ me ya)
Manhwɛ yie na mante m'akɔnnɔdeɛ so a, Dada ei
Manhwɛ yie na mante m'akɔnnɔdeɛ so a
Anhwɛ a obi bɛnom, obi bɛnom aah
Ne dɛ nti
Mefainti a, bɔ me nsuo (ei)
Ɛnyɛ biribi ara na ɛkuu me o, sɛ
Ɔdɔ w'adonko
Ne dɛ nti
Mefainti a, bɔ me nsuo
Ɛnyɛ biribi ara na ɛkuu me o, sɛ
Ɔdɔ, w'adonko
Medwendwen, dwendwen, dwendwene a
Ɔdɔ ho adwen na meredwen
Merebiebie, biebie, bie m'ano a
Me dɔ, wo ho adwendwen ara aah
Ɔdɔ bi sene dɔ bi
Mewu a, montwa ɔdɔ yi bi nto m'adakam' mfa nkɔ ɛ
Yadeɛ a ɛbɛku kraman na ɛtɔ n'apampam
Meredwendwen, dwendwen, dwendwen a
Kelsie ho ara aah na meredwen
Merebiebie, biebie, bie m'ano a
Justline ho adwendwen ara aah
Ɔdɔ bi sene dɔ bi
Mewu a, montwa ɔdɔ yi nto m'adakam' mfa nkɔ ɛ
Yadeɛ a ɛbɛku kraman na ɛtɔ n'apampam
Ɔde adeɛ a ɛ'dɛ ahɔtere m'adwen ho, ao (ma m'adwen anane)
Ɔde adeɛ a ɛ'dɛ ahɔtere m'adwen ho, aah (ma m'adwen anane)
Ɔde adeɛ a ɛ'dɛ (adeɛ a ɛ'dɛ yi aah)
Ahɔtere, hɔtere m'adwen (ahɔtere, hɔtere, me baabi ara eh)
'Ne ho
Ma m'adwene asɛe
Ɔde adeɛ a ɛ'dɛ (adeɛ a ɛ'dɛ)
Ahɔtere, hɔtere m'adwen
'Ne ho (gye deɛ ɔdeɛ yi ɛreyɛ meɛ)
Ma m'adwen asɛe
Mandi ne dɔ yi dɛ akyi a, nka meyɛ nipa bɔne o (m'akoma mpo yɛ me ya)
Mandi ne dɔ yi dɛ akyi a, nka meyɛ nipa bɔne o
Oh my (m'akoma mpo yɛ me ya)
Manhwɛ yie na mante m'akɔnnɔdeɛ so a, Dada ei
Manhwɛ yie na mante m'akɔnnɔdeɛ so a
Anhwɛ a obi bɛnom, obi bɛnom aah
Ne dɛ nti
Mefainti a, bɔ me nsuo (ei)
Ɛnyɛ biribi ara na ɛkuu me o, sɛ (mefainti a bɔ me nsuo o)
Ɔdɔ w'adonko (na adonko nkum nnipa)
Ne dɛ nti
Mefainti a, bɔ me nsuo (adonko nkum nnipa)
Ɛnyɛ biribi ara na ɛkuu me o, sɛ (mefainti a, mefainti a)
Ɔdɔ, w'adonko
Mefainti, fainti, fainti aah
Ne dɛ nti
Mefainti a, bɔ me nsuo
Ɛnyɛ biribi ara na ɛkuu me o, sɛ (adonko yi ara na aku me)
Ɔdɔ w'adonko
Mefainti, fainti, fainti
Ne dɛ nti
Mefainti a, bɔ me nsuo
Ɛnyɛ biribi ara na ɛkuu me o, sɛ (ɛnsuo na ɛbɛgye me, ɛnsuo ara na ɛbɛgye me, aah)
Ɔdɔ, w'adonko
Mefainti, fainti, fainti
Ne dɛ nti
Mefainti a, bɔ me nsuo (mefainti a, bɔ me nsuo)
Ɛnyɛ biribi ara na ɛkuu me o, sɛ (mefainti a, bɔ me nsuo, bɔ me nsuo)
Ɔdɔ w'adonko
Mefainti, fainti, fainti a
Ne dɛ nti
Mefainti a, bɔ me nsuo
Ɛnyɛ biribi ara na ɛkuu me o, sɛ
Ɔdɔ, w'adonko
Written by: Dada Kwakye Duah