Lyrics
Ɛnkaakyire o
(Enti si abotrɛ, besiyie a ɛnkaakyire Nyame na onim)
Ɛnkaakyire o
(Enti si abotrɛ, besiyie a ɛnkaakyire Nyame na onim)
Sɛ bra besiyie a, adwuma yi sɛ ebesi yie a
Yɛdɔ yi bɛtoa so a, ɛnkaakyire Nyame na onim
Sɛ bra besiyie a, adwuma yi sɛ ebesi yie a
Me ne wodɔ yi bɛtoa so a, ɛnkaakyire Nyame na onim
Ɛnkaakyire o me nua eh
(Enti si abotrɛ, besiyie a ɛnkaakyire Nyame na onim)
Merɛnkɛnsɔn asi ne tiri ase no
Ne nua onyansani kan kyerɛ no
Enti sɛ ebi adi kan agya wo a, ɛnkɔfa nnadaka mmɔ kɔhyira
Menkotu mampam mirika
Fa woabisadeɛ to Awurade anim
Awurade se sɛ ebeyie a, Agya no se sɛ ebeyeyia
Ɛnkaakyire Nyame na onim
Ohia deɛ ɛwɔ babiara, yɛnmmɔdenbɔ na yɛdetu kuro
Enti bɔ mpaeɛ sɛ Awurade
Agya mma me brɛ yi nyɛ kwa o, Agya mma me brɛ yi nyɛ kwa o
Yensan kokromotie ho mmɔ pɔ
Biribiara yɛbɛyɛ biara wɔ Nyame nsa mu
Enti sɛ wosɔre anɔpa a, mpaeɛ a ɛyɛ sɛ wobɔ ne sɛ
Y'agya a wowɔsoro wo din ho ntsew
Woahenni mma wɔ asaase yi so, Agya eh, mehyɛ wo nsa o
M'akwantuo besiyie a
Obra a merebɔyi sɛ ebesiyie a
M'awareɛ bɛkɔyie a
Ɛnkaakyire o Nyame na onim
Ɛnkaakyire o
(Enti si abotrɛ, besiyie a ɛnkaakyire Nyame na onim)
Ɛno na ɛyaa dabiara me deɛ mekan no
Sɛ wiase Nyame mmere ɛne mmerɛpa
Agya no Ɔyɛ ɔkyɛso Nyame
Ɛbanosɛ ɔrekyɛ a, ɔbɛkyɛ ama no aso obiara so
Nea ohia nti, n'abusuafoɔ ayi no ama eh
Ɛboo na ɔbaa bi nso a, woanya yɛfunu anwo ba no nso
Woama no asɛ Sarah o
Efirisɛ Sarah nfie aduokron ansa, onyaa yɛfunu awo ba
Enti sɛ Agya no se ɔbɛyɛ ama wo a, Agya no se sɛ ebeyeyie a
Ɛnkaayire o, ɔdɔ eh
Yensan kokromotie ho mmɔ pɔ
Biribiara yɛbɛyɛ biara wɔ Nyame nsa mu
Ɛfuo koraa wodɔ na sɛ Nyame ahunu mu a
Ɛyɛme sɛ afuo no nyeyie o
Enti si abɛtrɛ natwɛn Awurade
Ɛnkaakyire o, me nua eh
Ɛnkaakyire o
(Enti si abotrɛ, besiyie a ɛnkaakyire Nyame na onim)
Ɛnkaakyire o
(Enti si abotrɛ, besiyie a ɛnkaakyire Nyame na onim)
Ɛnkaakyire o
(Enti si abotrɛ, besiyie a ɛnkaakyire Nyame na onim)
Ɛnkaakyire o
(Enti si abotrɛ, besiyie a ɛnkaakyire Nyame na onim)
Sɛ bra besiyie a
Adwuma yi sɛ ebesi yie a
Written by: Amakye Dede