Lyrics

Onyame gya eee
Eeeeh
Ogya o gya o ogya oo
Daddy yɛretwɛn wogya no o ɛ
Soma wogya no o
Soma ogya, some Onyame gya
Soma ogya, na efiri soro bɛhyee Baal abosom no
Awurade
Sɛ babiara ɔseifoɔ no ahyia sɛ wɔhyehyɛ afa me ho no
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Babiara meyɛfoɔ no ahyia sɛ wɔsɛei me nsa no adwuma o
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Ogya, some Onyame gya
Daddy soma ogya, na efiri soro bɛhyee Baal abosom o
Sɛ babiara ɔseifoɔ no ahyia sɛ wɔhyehyɛ afa me ho no
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Babiara meyɛfoɔ no ahyia sɛ wɔhyehyɛ afa me ho no mewura e
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Eeee m'adwuma asɛei menim sɛ enfiri Nyame o
Ma ware nsɛm yi nso no, menim sɛ enfiri Nyame o
Babiara ɔseifoɔ yi ahyia o na ɔhyehyɛ afa me ho no mewura
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Susum mu wiase nea wɔhyehyɛ afa me yiedie ho a ɔde redi menya no
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Eeee m'adwuma asɛei menim sɛ enfiri Nyame o
Ma ware yi nso asɛei, menim sɛ enfiri Nyame o agya e
Babiara meyɛfoɔ yi ahyia o na ɔhyehyɛ afa me ho no mewura
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Babiara meseifoɔ yi ahyia mu Awurade Awurade Awurade
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Kwan no deɛ Awurade ebue na mmuom akwansifoɔ no na ɛdɔɔsoɔ
Adwuma kwan no Awurade ebue na mmuom akwansifoɔ no na ɛdɔɔsoɔ
Nti babiara meseifoɔ yi ahyia, sɛ wɔhyehyɛ afa me ho biara
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Sɛ babiara meyɛfoɔ no ahyia, sɛ wɔhyehyɛ afa me ho
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Ɛkwan no deɛ Awurade ebue na mmuom akwansifoɔ no na ɛdɔɔsoɔ
Aware kwan no Awurade ebue na mmuom akwansifoɔ no na ɛdɔɔsoɔ Awurade
Babiara meyɛfoɔ no ahyia, a wode to aka nsɛmmɔne to me so biara me wura e
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Sɛ babiara ɔseifoɔ no ahyia, sɛ wɔhyehyɛ hyehyɛ me wura e
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Soma ogya, some Onyame gya
Soma ogya, na efiri soro bɛhyee Baal abosom no
Awurade
Sɛ babiara ɔseifoɔ no ahyia sɛ wɔhyehyɛ afa me ho no
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Babiara meyɛfoɔ no ahyia sɛ wɔsɛei me nsa no adwuma o
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Ogya, some Onyame gya
Daddy soma ogya, na efiri soro bɛhyee Baal abosom o
Sɛ babiara meyɛfoɔ no ahyia sɛ wɔhyehyɛ afa me ho no mewura e
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Babiara meyɛfoɔ no ahyia sɛ wɔhyehyɛ afa me ho mewura e
Awurade gya nkɔ hɔ o, Onyame gya nkɔ hɔ
Written by: Esther Asiedu
instagramSharePathic_arrow_out