Lyrics

[Intro]
Nana Kwadwo maasɛm ni
[Verse 1]
Kwadwo mɛsi kwan so
Hustler man me nam abrabɔ kwan so
Sikasɛm nti mabɛ di obi manso
Ahokyerɛ nti mefiri Onyame kwan so
Woa hwɛ ɛka nti mentumi nna me mpa so
Awurade bue kwan bi ma me oo na menfa so
Obi kaa sɛ ɔbɛ boa me oo nanso
Me kɔɔ ne fie ma no busaa me kwan so
Me bɔɔ me amaneɛ ɔkaa sɛ yoo nanso
Me kɔ faa nnoɔma bi Sefwi kwan so
Mede ba no, car no abɛ hwie gu wɔ kwan so
Yɛɛ ka yɛ sɛ ɛmfa woani ɛnto onipa so
Anipa bɛgyegye wo akɔ gyae wo kwan so
Fa wo bɔ Yehowa oo man no mmɔ wo abaso
Awurade wonkoa na mɛni da wo so
Ɔbra no ayɛ sɛ seasaw ɔde me twa ne ho
Sɛ mo ahunu me
[PreChorus]
Neɛ ɔbra yi yɛ me neɛ ɔbra yi yɛ me
Ɔkyena mayɛ yie aa, obi bɛka sɛ ɛyɛ sikaduro bi sikaduro bi
Neɛ ɔbra yi yɛ me neɛ ɔbra yi yɛ me
Ɔkyena mayɛ yie aa, obi bɛka sɛ ɛyɛ sikaduro bi sikaduro bi
[Chorus]
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yeah yeah
[Verse 2]
Adeɛ akye abia, Kwadwo ankonam
Monhwɛ me honam, menkoaa na me nenam
Me fiefo apo me, abɔnten apo me
Adɔfo apo me a ama amansan apo me
Anomaa ba ei, nsuo nso abo me
Ɛwɔ kwaeɛ yi mu, awɔ koraa de me
Hwan na ɛbɛgye me? Ɛkɔm koraa de me
Madamfo bi Gyimah ɔse hwɛ Agyemang
Nnwom a woyɛ yi, agye wo kɔ Nogokpo
Me hwɛ no bɔ me tiri nko ɛntie baako mpo
Mo ma menom me koko, mɛkɔ no bɔkɔ bɔkɔ
Mentu mmirika dabi meduru
Afei meho kyire me, me tiri mu hyehye me
Asɛ obi bɛ kyire me, asɛm bi bɛto me
Awurade ei, bɛgye me agye dabi na mɛka masɛm
[PreChorus]
Neɛ ɔbra yi yɛ me neɛ ɔbra yi yɛ me
Ɔkyena mayɛ yie aa, obi bɛka sɛ ɛyɛ sikaduro bi sikaduro bi
Neɛ ɔbra yi yɛ me neɛ ɔbra yi yɛ me
Ɔkyena mayɛ yie aa, obi bɛka sɛ ɛyɛ sikaduro bi sikaduro bi
[Chorus]
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yeah yeah
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yeah yeah
[Outro]
Nana Kwadwo maasɛm ni
Mr Henry beats
Jah bless
Written by: Charles Adjei
instagramSharePathic_arrow_out