Featured In

Lyrics

Anɔpa
Ɔbɛkɔ asɔredan mu, na wato ndwom "Holy, Holy"
Ɛyɛ moma
Fa bɔ fam hɔ akyiriwia, Masalakyi
[Verse 1]
Akɔkoa, mehome rete
Ɔfrɛ me sɛ, "Kwakye, bankye"
Ne ba barima deɛ, ɛyɛ Sweetie
Ɔmpɛ m'asɛm da, kankabi
Nsuo ankorɛ mmiɛnsa, meretwe
Efii a ɛwɔ fam, meretwitwi
Ɛnneɛma adeɛ ma, merebɛsi
Memposa nwieeɛ a, mennidi
Daabi o
[PreChorus]
Nsonsonoeɛ wɔ mu
Deɛ ɔyɛ me no, ɔnyɛ Joe Boy saa
Ɔgyegye no so mmoroso mmoroso ɔno deɛ, ne ba aah
Adeɛ a merehunu no, ɛnyɛ me nko ɛrekɔso mmea-mmea
Som Nyame
Nso ne dɔ ntra ne yam mma
Daabi o
[Chorus]
Anɔpa
Ɔbɛkɔ asɔredan mu, na wato ndwom "Holy, Holy" (Praise Him)
Ɛyɛ moma
Fa bɔ fam hɔ akyiriwia, Masalakyi (Alhamdulillah)
Ɔregu nsa
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni (Wiɛw!)
Ɔwie a
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa
Anɔpa (Nyamesomfoɔ, montie me o)
Ɔbɛkɔ asɔredan mu, na wato ndwom "Holy, Holy"
Ɛyɛ moma (Mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasanii o)
Fa bɔ fam hɔ akyiriwia, Masalakyi
Ɔregu nsa (Na Nyame a ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhu No o)
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni
Ɔwie a (Ɛmma no nyɛ wo yam ba-)
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa
[Verse 2]
Oh-oh
Oh oh-oh
Oh-oh
Nkyerɛ me sɛ ɔrehyɛ me den
Nokware wɔ hɔ, ntoto no ase
Deɛ ɔde me reyɛ yi deɛ, ɛyɛ nkoasom
Deɛ worekeka yi yɛ mmuammuaso
Me ntaadeɛ, ɛfa atete
Baabi a meda, ɛhɔ awewe
Ɔse, "Wompɛ deaa da abɔnten"
Nso nyɛ sɛ ebi a meyɛɛ asoɔden
Daabi o
[PreChorus]
Nsonsonoeɛ wɔ mu
Deɛ ɔyɛ me no, ɔnyɛ Joe Boy saa
Ɔgyegye no so mmoroso mmoroso ɔno deɛ, ne ba aah
Adeɛ a merehunu no, ɛnyɛ me nko ɛrekɔso mmea-mmea
Som Nyame
Nso ne dɔ ntra ne yam mma
Daabi o
[Bridge]
Me maame, Maame Dora, frɛ no a
Na waka sɛ, me na memmu adeɛ
Me nana, Kwakye Barima, deɛ, ɔtu fo o
Ɔse mete ne nkyɛn nti ɛyɛ a menya abotare
Pam, pam, pa-nah
Pam, pam, pa-nah
Meyɛ akwadaa nti, boo mɛyɛ no deɛn?
Pam, pam, pa-nah (Uu-oo, oh)
Pam, pam, pa-nah (Oh)
Meyɛ akwadaa nti, boo, mɛyɛ no deɛn?
[Chorus]
Anɔpa
Ɔbɛkɔ asɔredan mu, na wato ndwom "Holy, Holy" (Praise Him)
Ɛyɛ moma
Fa bɔ fam hɔ akyiriwia, Masalakyi (Alhamdulillah)
Ɔregu nsa
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni (Wiɛw!)
Ɔwie a
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa
Anɔpa (Nyamesomfoɔ, montie me o)
Ɔbɛkɔ asɔredan mu, na wato ndwom "Holy, Holy"
Ɛyɛ moma (Mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasanii o)
Fa bɔ fam hɔ akyiriwia, Masalakyi
Ɔregu nsa (Na Nyame a ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhu No o)
Nananom Bosom, fufu tɔ ɛmma no nni
Ɔwie a (Ɛmma no nyɛ wo yam ba-)
Ɔbɛba fie, na wabɛyɛ me sɛ tosa
[Outro]
Nyamesomfoɔ, montie me o
Mfa ɔtan mmu dɔ, dɔ dasaniii o
Na Nyame a Ɔwɔ soro hɔ yi, yɛnhunu No o
Ɛmma no nyɛ wo yam ba anaa ɔdɔ foforɔ o
Written by: Newman Kwame Safo
instagramSharePathic_arrow_out