Lyrics

[Intro]
Nana Kwadwo maasɛm ni
[Verse 1]
Kwadwo mɛsi kwan so
Hustler man me nam abrabɔ kwan so
Sikasɛm nti mabɛ di obi manso
Ahokyerɛ nti mefiri Onyame kwan so
Woa hwɛ ɛka nti mentumi nna me mpa so
Awurade bue kwan bi ma me oo na menfa so
Obi kaa sɛ ɔbɛ boa me oo nanso
Me kɔɔ ne fie ma no busaa me kwan so
Me bɔɔ me amaneɛ ɔkaa sɛ yoo nanso
Me kɔ faa nnoɔma bi Sefwi kwan so
Mede ba no, car no abɛ hwie gu wɔ kwan so
Yɛɛ ka yɛ sɛ ɛmfa woani ɛnto onipa so
Anipa bɛgyegye wo akɔ gyae wo kwan so
Fa wo bɔ Yehowa oo man no mmɔ wo abaso
Awurade wonkoa na mɛni da wo so
Ɔbra no ayɛ sɛ seasaw ɔde me twa ne ho
Sɛ mo ahunu me
[PreChorus]
Neɛ ɔbra yi yɛ me neɛ ɔbra yi yɛ me
Ɔkyena mayɛ yie aa, obi bɛka sɛ ɛyɛ sikaduro bi sikaduro bi
Neɛ ɔbra yi yɛ me neɛ ɔbra yi yɛ me
Ɔkyena mayɛ yie aa, obi bɛka sɛ ɛyɛ sikaduro bi sikaduro bi
[Chorus]
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yeah yeah
[Verse 2]
Wo wɔ bi boa wonua nana Messi koraa pɛ support
Menam a mebrɛ na Kofi de sika ɛɛhwɛ botos
Ɛyɛ mea mabrabɔ nso obi tehɔ bɔ report
Dabi mayɛ yi nasɛ wongyenni a ɛneɛ masa kɔ court
Ahenemma ohia no da me nan ase sɛ ahenema
Yɛ serve me fufuo a mayɛ lucky mpo no yɛ adweneba
Meebrɛ no deɛ obiaa nhunu oo, meyɛ yie a ɔheneba
Yɛse magye sikaduro sika bebree de asɛ aba
Yɛwɔ sikaduro
Nipa a onni bie, nana Nyame di nasɛm
Ɛnnɛ mayɛ yie na wote fie di matɛm
Nsɛm a mokeka wɔ mɛkyire no mbu mabɛ mu
Yeah, ɛmbu mabɛ mu
Adɛn na fiefoɔ mekɔ manim a motan me
Wo firi sɛ mayɛ yie a nkyirimma no dan me
Meho asmɛbɔnee a mokaaɛ no maa meboafoɔ mpo tan me
Mehwe wo a ɛbɛyɛ ebe dɛ nti Awurade Nyame kae me
[Chorus]
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yeah yeah
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yeah yeah
[Verse 3]
Mehyia mallam bi wɔ Awoshi
Ɔkyerɛ me sɛ ɔbɛ boa me na mese "minda bo shi"
Ɔse menma no kakraa na ɔde bɛkɔ Kaneshie
Akɔ fa nneɛma bi adeɛkye pɛ menhyia no cemetary
Yie, mefrɛ noa network jam
User busy, mallam scam
Mea menni lorry fare
Problem has come
Ma mentwa me nsɛm short lyrical wanzam
Sowotuom boy a menni bullet
Nsɛm hyɛ mebo na to me bo ahyehyɛ no te sɛ louvres
Mentumi muna m'anim te sɛ neɛ metwa bitters
Anaa men joine cocaine dealers?
Ɔbra no abɔ me koto
Atwa mɛkyire sɛ photo
Ɔbra no tumi kyerɛ me sɛ mentumi nkyerɛ no foko
Nana Nyame feei mɔ noko
Ɛnyɛ saa Akosombo mɛbɔ dam ohianii vegetarian bɛwe nam
[Chorus]
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yeah yeah
[Verse 4]
Hustler boys mɛsi kwan so
Menam mepɛ neɛ medi hand to mouth oo
Wode sɛ woanya bi na ahwie agu kwan so
Nyame twɛn kyedɛ menya no he de akɔ kwan so
Too many promises nanso
Deɛ yɛnim dadaa no ebeduru a na abounce
Yɛse ahwenepa nkasa nanso
Yɛn fɛfoɔ daso bɔ preman yɛda so tɛ yɛn twɛ so
Yɛ tɛ yɛn twɛn so
Me fa me kaba sɛ I look
No more cool
Menkoaa me gather nkyene nkoaa poor man soup
Sika nni bank neɛ yebedi nkoaa is all I do
Nti I pray to Nyankopɔn, hear mine soon
Abrabɔ no ayɛ bad ama happy man sad
Te sɛ wode Tico kɔ twe tipperman truck
Ka mu deɛ ɛyɛ den na sɛ nipa na ɛmpa aba
Kwame ne Agyengo that's a banger banger
[PreChorus]
Neɛ ɔbra yi yɛ me neɛ ɔbra yi yɛ me
Ɔkyena mayɛ yie aa, obi bɛka sɛ ɛyɛ sikaduro bi sikaduro bi
Neɛ ɔbra yi yɛ me neɛ ɔbra yi yɛ me
Ɔkyena mayɛ yie aa, obi bɛka sɛ ɛyɛ sikaduro bi sikaduro bi
[Chorus]
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yeah yeah
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yɛnni ohiaa aduro
Yɛwɔ sikaduro, yeah yeah
[Outro]
Nana Kwadwo maasɛm ni
Mr Henry beats
Jah bless
Written by: Charles Adjei
instagramSharePathic_arrow_out