Top Songs By Daughters Of Glorious Jesus
Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daughters Of Glorious Jesus
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Bishop Akwasi Asare Bediako
Composer
Cynthia Appiadu
Songwriter
Edna Sarpong
Songwriter
Monica Owusu Ansah
Songwriter
Lyrics
Ɔnokwafo Nyame ee
Mɛsom wo daadaa
Ɛyɛ w'adom nti na mete ase oo
Wode wo mogya no na atɔ me aboɔden
Nti, bibiara nni hɔ a ebetumi ne me adi ɛsie
Ɔnokwafo Nyame ee
Mɛsom wo daadaa
Ɛyɛ w'adom nti na mete ase oo
Wode wo mogya no na atɔ me aboɔden
Nti, bibiara nni hɔ a ebetumi ne me adi ɛsie
Ei ɔseifo, ɛnyɛ sei nanka wopɛ me oo
Nanka wopɛ me aniguaseɛ, ahweaseɛ ɛne me nkwa mpo
Yei yei yei, nanka wopɛ me owuo oo
Owuo ahoma, owuo ahoma kyekyere me
Ɛwɔ asubɔnten kɛse mu oo
Nanso Awurade a ne tumi boroo ade nyinaa so no
Ɛhɔ na ɔtene ne nsa abasa kɛse sɔ me mu

Ɔhene kɛseɛ, sɛ meka adeɛ aa w'ayɛ ama me no a
Me tɛkyerɛma nkoaa entumi ɛnni ho adane adane
Nti m'agya ee, sɛ me kukuru wo na ɛbɛyɛ yie a
Nka medeɛ mɛ pagya w'asi akɔnkɔn mpo
Nti awurade ee, mesee gye w'ayeyi, ne wo nkanfo ne wo ntomtom oo daadaa
Efisɛ wo n'adwuma yɛ me nwanwa, medwene ho a mente aseɛ
Ɛnti mede meho nyinaa bɔ afɔdeɛ ma wo
Ɔhene kɛseɛ, sɛ meka adeɛ aa w'ayɛ ama me no a
Me tɛkyerɛma nkoaa entumi ɛnni ho adane adane
Nti m'agya ee, sɛ me pagya wo na ɛbɛyɛ yie a
Nka medeɛ mɛ pagya w'asi akɔnkɔn mpo
Nti awurade ee, mesee gye w'ayeyi, ne wo nkanfo ne wo ntomtom oo daadaa
Efisɛ wo n'adwuma yɛ me nwanwa, medwene ho a mente aseɛ
Ɛnti mede meho nyinaa bɔ afɔdeɛ ma wo
Ɔnokwafo Nyame ee
Mɛsom wo daadaa
Ɛyɛ w'adom nti na mete ase oo
Wode wo mogya no na atɔ me aboɔden
Nti, bibiara nni hɔ a ebetumi ne me adi ɛsie
Ɔnokwafo Nyame ee
Mɛsom wo daadaa
Ɛyɛ w'adom nti na mete ase oo
Wode wo mogya no na atɔ me aboɔden
Nti, bibiara nni hɔ a ebetumi ne me adi ɛsie
Ɔnokwafo, ɔnokwafo
Mɛsom wo daadaa
Ɔnokwafo Nyame ee
Mɛsom wo daadaa
Ɔnokwafo, ɔnokwafo, ɔnokwafo
Mɛsom wo daadaa
Ɔnokwafo Nyame ee mɛsom wo
Mɛsom wo daadaa
Agya mentumi mfa w'aseda nni oo
Mɛsom wo daadaa
Afiri sɛ w'ayɛ ade kɛseɛ ama oo
Mɛsom wo daadaa
Ɔnokwafo Nyame medawase ɛnsa oo Yesu ee
Mɛsom wo daadaa
Mɛsom wo daadaa
Oh ɔnokwafo, ɔnokwafo, ɔnokwafo
Mɛsom wo daadaa
Written by: Bishop Akwasi Asare Bediako, Cynthia Appiadu, Edna Sarpong, Monica Owusu Ansah