Featured In

Credits

COMPOSITION & LYRICS
Bernard Nana Appiah
Bernard Nana Appiah
Songwriter
Michael TwistedWavex Dzitrinu
Michael TwistedWavex Dzitrinu
Songwriter

Lyrics

[Verse 1]
Wokyerɛ me sɛ worekɔ aba nansa akyi oo
Nfie mmiɛnsa aba me daso retwɛn wo oo
Masa nsuo asi hɔ na ma towo pono oo
Ɔdɔ wo bɛba na nkwan no anya adwo o
[Verse 2]
Ɔdɔyewu nhwɛ nyɛ ntɛm mbra o ei
Ɔdɔyewu nhwɛ nyɛ ntɛm mbra o aa
Na ɔdɔyewu nhwɛ nyɛ ntɛm mbra oo eii ei eii
Ɔdɔyewu nhwɛ nyɛ ntɛm mbra oo
Na ɔbɛba na asɛm asa oo
Ɔdɔyewu hwɛ nyɛ ntɛm mbra o ei
(Na medaa menda menda)
Ɔdɔyewu hwɛ nyɛ ntɛm mbra o aa
(Na medaa menda menda)
Na ɔdɔyewu hwɛ nyɛ ntɛm mbra oo eii ei eii ei
Ɔdɔyewu hwɛ nyɛ ntɛm mbra oo
Ɔbɛba na asɛm asa oo
[Verse 3]
Wobɛba dabɛn ma yaka yɛntoma abɔmu di yɛ tam abomu?
Ɔdɔ mmra ma ɔdɔ nbɔmu
Wobɛdi mehon ate me haoso ate meberɛ so na wo asan so ate ma werɛhoɔ so
Wobɛka mehon ama yɛyi akyea ma ya gye nkyea saa akosi sɛ ɔtanfo bɛ kyea
Wobɛba abɛ pepa me anisuo ma me ɔdɔ suo anom ama yɛ atwa ɔdɔ akwantuo
Wobɛdru ama me ne wo mmienu ayi yɛni asere kwakwakwa de agye yɛni
Na yasi agrɔ ase agye yɛ din ate agyina sa sa sa twa yɛn nanase
Na mmɔfra da na yɛda mpamu gyae yɛnda da da da da na obi ada
Na ɔdɔ mmorosoɔ ɛtoatoasoɔ na yɛbɛ di adi adi adi ɛde awo yɛn mma ahh
[Chorus]
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni?
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni a?
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni?
Ma mene no mmienu adi ɔdɔ
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni a?
Dabɛn ni?
[Verse 4]
Yɛntɔ sin yɛntɔ sin
Meni no a na ɛka abɔmu akɔ tiin
Na yɛn kɔ tin yɛn tiitiii
Na yakoma mu nokrɛ a na yɛdi anyini
Na mo adwene adwene monte ase
Neɛ nti a me ne no aka abɔmu dwee
Na mo atwee twee sɛ mo twee twee
Yɛbɛ akɔsɔ adɔ yɛnhon nti ɛnsɛe hwee
Ɔdɔ bra wobɛba wanba'a medayɛsom ayɛ kwa mɛda kwa
Adeɛ sa a awɔ ba'a menko meda neɛ woda mpasotam ayɛ nyunu
Bra ɔdɔ bra wanba na adeɛ kye'a adɔfo twamu sɔ wɔnsa mɛyɛ dɛn mɛni aka
Menko menam mesi metiri ase awerɛhoɔ nkoaa
Bra ɔdɔ bra wanba'a efie gya adum ma obiaa agye atum sɛ anya agye agu
[Chorus]
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni?
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni a?
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni?
Ma mene no mmienu adi ɔdɔ
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni a?
Dabɛn ni?
[Verse 5]
Hwɛ madepa bi ayera o bi ayera o bi ayera o
Nfie nie o na yɛ dii nkra
Na mate sɛ ɔdɔ ba o ɔdɔ ba o ɔdɔ ba o
Moma yɛn kwan na yɛndi nhyia ah
Wo bɛdru a anigye bɛbu so
Nea atotɔ sin masosɔ so ma biribia abu atese
Kasa mame nte na mɛdi so neɛ wosi wopɛ mɛpene so
Medɔ piesie wokakyere
Wonkoa ne me pɛ na wonkoa na mepɛ
Na manom nsuo akyɛ nom nsuo atwɛn ɔpɛ
Na ama mafu ahyɛ na ahyɛ meso akyɛ
Na mete mani nsuo nsuo a ɛbɛ yiri ɔpɛ brɛ
Na wonkoa ne medɔ na wonkoa na medɔ
Kra sɛ wore kɔ na ɔdɔ kɔ neɛ ɔdɔ wɔ
Neɛ wodɔ na wodɔ na makoma kɔn adɔ
Ɔdɔ adeɛ no mudɔ nso ɛhɔ na adeɛ wo ahh
[Chorus]
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni?
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni a?
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni?
Ma mene no mmienu adi ɔdɔ
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni a?
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni?
Ma mene no mmienu adi ɔdɔ
Dabɛn ni na ɔdɔ bɛba dabɛn ni a?
Dabɛn ni?
[Verse 6]
Nka mɛsom nka mɛpam
Nka mɛdi paa de ahwɛ me dɔ (Eii)
Nka mɛsom nka mɛpam
Mɛdi paadae di ahwɛ me dɔ (Ahh)
Nka mɛdi paa di ahwɛ me dɔ (Eii)
Mɛdi paadae di ahwɛ me dɔ (Ahh)
[Outro]
Nka wobɛsom nka wobɛ pam
Wo bɛdi paadae de ahwɛ wo dɔ
Nka wobɛsom nka wo bɛpam
Wo bɛdi paadae de ahwɛ wodɔ
Nka wobɛsom na wo apam
Na wo adi paadae de ahwɛ wodɔ
Na wobɛsom na wo apam
Na wo adi paadae de ahwɛ woho
Written by: Bernard Nana Appiah, Kofi Asihene, Michael TwistedWavex Dzitrinu
instagramSharePathic_arrow_out