Lyrics

Onipa dasɛni a, ɛmmrɛ nyinaa nsɛ oo
Afei nso akokɔ ne kura nso, ɛne obrekuo deɛ nsɛ oo
Nti nya abotrɛ
Ewiase mu no obia frɛ ne nyankopɔn no, na obi nni hɔ bi o
Ɛnsa tia nyinaa nso nyɛ pɛ da, ebi didi bi akyi
W'anɔ bi agyapadeɛ a ɔwɔ, ne ɛka a wodeɛ nso a
Enti ɛmma w'ani mre wo yɔnko, na ade nyinaa Nyame na ɔyɛ
Nti nya abotrɛ
Su frɛ wo Nyame, sɛ ɔmoa wo
Sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, dɛbi ɛbɛyɛ yie
Su frɛ wo Nyame, sɛ ɔmoa wo
Sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, dɛbi ɛbɛyɛ yie
Sɛ ebi edikan agye wo a, m'ano nyɛ wo ya
Sɛ wodeɛ mmaa yaa, ma wo werɛnnho na ɛyɛ mpaebɔ
Eeeey
Sɛ wode onipa n'akyire oo, nka sika mpo wonkan bi po da
Wohyɛ ataade pa, yɛka wo ho asɛm, sɛ w'ahyɛ bi nso a, yɛka wo ho asɛm
Nti fa mpaebɔ
Onua ɛmma w'ani mmre wo yɔnko, na me nya wo ayɛ so yɛ musuo
Ohia kanii so deɛ ɛnyɛ ya, ohiakyɛ muom ne asɛm oo
Nti nya abotrɛ
Su frɛ wo Nyame, sɛ ɔmoa wo
Sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, dɛbi ɛbɛyɛ yie
Su frɛ wo Nyame, sɛ ɔmoa wo
Sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, dɛbi ɛbɛyɛ yie
Eeeey
Sɛ wode onipa n'akyire oo, nka wiase mpo nyɛ wo dɛ
Ewiase afɛfɛ deɛ yi, yɛbɛ dane agya o
Buo y'akurakura mu kwa oo, ɛmfa yɛn kosi hwee
Nti fa mpaebɔ
Y'akurakura kwa o, y'akurakura kwa o, y'akurakura kwa o
Nanso yɛnmfa kɔ hwee
Y'akurakura kwa o, y'akurakura kwa o, y'akurakura kwa o
Nanso yɛnmfa kɔ hwee
Sɛ ebi edikan agye wo a, m'ano nyɛ wo ya
Sɛ wodeɛ mmaa yaa, ma wo werɛnnho na ɛyɛ mpaebɔ
Su frɛ wo Nyame, sɛ ɔmoa wo
Sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, dɛbi ɛbɛyɛ yie
Su frɛ wo Nyame, sɛ ɔmoa wo
Sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, dɛbi ɛbɛyɛ yie
Su frɛ wo Nyame, sɛ ɔmoa wo
Sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, dɛbi ɛbɛyɛ yie
Su frɛ wo Nyame, sɛ ɔmoa wo
Sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, dɛbi ɛbɛyɛ yie
Su frɛ wo Nyame, sɛ ɔmoa wo
Sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, dɛbi ɛbɛyɛ yie
Su frɛ wo Nyame, sɛ ɔmoa wo
Sɛ ɛyɛ Nyame pɛ a, dɛbi ɛbɛyɛ yie
Written by: Amakye Dede
instagramSharePathic_arrow_out