Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Yamoah
Yamoah
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Yamoah
Yamoah
Songwriter

Lyrics

Mmaa nyinaa te sɛ me nua baa yi a
Sɛɛwaa Akoto
'Anka' ɛnyɛ ɛne sɛ yɛrebrɛ yi
Sɛ ɛkaa ahoɔfɛ Lizzy nko a
'Anka' etuo, ɛrento wɔ kwaeɛ mu da o
N'ano ne kasa, Sɛɛwaa Akoto te sɛ nsuo nwunu
Obue n'ani a, na ɔbaa Akoto te sɛ nnwera
Ne nan ne 'Guarantee', sɛ wohunu no a, wobɛfa no la
Suban papa, akyinnie nni ho, nso a ɛbɔ ne ho
Ɔmpɛ nkurobɔ, Sɛɛwaa Akoto nso ɔbu ne ho
Bɛyi w'ano wɔ badwam' nso deɛ
Ɔnyɛ bi da o, koraa
Ɔbaa Akoto ahoɔfɛ dua ei
Oh, wanyɛ bi da o, ao paa
Sɛ mmaa nyinaa te sɛ yɛn nua baa yi a
Sɛɛwaa Akoto
'Anka' ɛnyɛ ɛne sɛ yɛrebrɛ yi
Sɛ ɛkaa ahoɔfɛ Lizzy nko a
'Anka' etuo, ɛrento wɔ kwaeɛ mu da o
N'ano ne kasa yi a, Sɛɛwaa Akoto te sɛ nsuo nwunu
Obue n'ani a, na ɔbaa Akoto te sɛ nnwera
Ne nan ne 'Guarantee' yi a, sɛ wohunu no a, wobɛfa no la
Suban papa, akyinnie nni ho, nso a ɛbɔ ne ho
Hwɛ, ɔmpɛ nkurobɔ, Sɛɛwaa Akoto nso ɔbu 'no' ho
Bɛyi w'ano wɔ badwam nso deɛ
Ɔnyɛ bi da o, koraa
Ɔbaa Akoto ahoɔfɛ dua ei
Oh, wanyɛ bi da o, ao koraa
Obibini, sɛ-obroni ahoɔfɛ dua ei
Akoto ei (Maame ei, ɔnyɛ bi da o, ao koraa)
Me nko me nua baa ahoɔfɛ dua ei
Oh, wanyɛ bi da o, ao koraa
Sɛɛwaa Akoto ahoɔfɛ dua ei
Oh, wanyɛ bi da o, ao koraa
Sɛ mmaa nyinaa te sɛ yɛn nua baa yi a
Sɛɛwaa Akoto
'Anka' ɛnyɛ ɛne sɛ yɛrebrɛ yi
Sɛ ɛkaa ahoɔfɛ Lizzy nko a
'Anka' etuo yi a, ɛrento wɔ kwaeɛ mu da o
N'ano ne kasa mpo yi a, Sɛɛwaa Akoto te sɛ nsuo nwunu
Obue n'ani a, na ɔbaa Akoto te sɛ nnwera
Ne nan ne 'Pratofam', sɛ wohunu no a, wobɛfa no la
Suban papa, akyinnie nni ho, nso a ɛbɔ 'no' ho
Hwɛ, ɔmpɛ nkurobɔ, Sɛɛwaa Akoto nso ɔbu 'no' ho
Bɛyi w'ano wɔ badwam nso deɛ
Ɔnyɛ bi da o, koraa
Ɔbaa Akoto ahoɔfɛ dua ei
Akoto ei, ɔnyɛ bi da o, ao koraa
Obibini sɛ-obroni ahoɔfɛ dua ei
Oh, wanyɛ bi da o koraa
M'ase Akoto ahoɔfɛ dua ei
Maame ei, ɔnyɛ bi da o koraa
Written by: Peter Kwabena Yamoah
instagramSharePathic_arrow_out