Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Oheneba Kissi
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Oheneba Family
Composer
Lyrics
Menka wo asɛm bɛn nie?
Mento wo nwom bɛn koraa?
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o
Menka asɛm bɛn nie, Maame ei
Mento wo nwom bɛn koraa?
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o, me dɔ ei, eh
(Menka wo asɛm bɛn nie?) Yeah
(Mento wo nwom bɛn koraa aah?) Mento wo nwom bɛn koraa?
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o
(Menka wo asɛm bɛn nie?) Mmm
(Mento wo nwom bɛn koraa aah?) Mento wo nwom bɛn koraa?
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o
Mentwitwa me 'tɛkrɛma' mma wo ansa na wahunu sɛ medɔ wo ao
Mentwa me 'tɛkrɛma' yi mma wo ansa na wahunu sɛ medɔ wo ao
Menyi m'akoma nka wo deɛ ho na ansa na wahunu sɛ medɔ wo ao
Menyi m'akoma nyinaa mma wo o, na ansa na wahunu sɛ medɔ wo ao
Mayɛ nea ɛsɛ sɛ meyɛ nyinaa nanso so ɔdɔ nte aseɛ aah-eh
Afei deɛ menyɛ deɛn nie, na afei deɛ menka sɛn nie a?
Madi nsie, aka ntam sɛ saa ɔbaa yi ara na 'mɛwaa' no ao
Ɔni ne ɔse ate aseɛ, me nso m'abusua taa n'akyi aah-eh
Na adɛn koraa, na ɛne apenesie yi a?
Aden koraa maame ei, na ɛne aboobo, eh?
Menka asɛm bɛn nie aah?
Mense wo sɛn koraa, koraa, koraa, koraa?
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam' o, me dɔ eh
(Menka wo asɛm bɛn nie?) Aah
(Mento wo nwom bɛn koraa aah?) Mento wo nwom bɛn koraa?
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o)
Mɛmene wo ato me yam' o
(Menka wo asɛm bɛn nie?) Whoa, hey
(Mento wo nwom bɛn koraa aah) oh, ah
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o
Neaa akoa bɛyɛ ne wura biara
Nsɛ ɛno ara na mayɛ woɔ yi
Deɛ mɛka ma akoma atɔ wo yam biara nso
Na ɛno ara na maka yi aah
Wose nsa a na nsa o, nsuo a na ɛyɛ nsuo
Akoma mu asɛm nso, me nuanom yɛnka ne beberee
Etire nso nyɛ kube, nka mɛdwidwa me deɛ mu agu abɔnteso aah-eh
Oforiwaa Amanfo ei, asɛm wɔ w'ano a, ɛyɛ a kakyerɛ me ao
Amoah Carina, na wowɔ asumaasɛm bi a kakyerɛ me ara o
Ɔhemaa ei, asɛm bi wɔ w'ano a ɛyɛ kakyerɛ me ara
Na menka wo asɛm bɛn nie?
Mense wo sɛn koraa, koraa, koraa, koraa?
Woyɛ aduane a nka mamene wo ato me yam' dadaada
Menka asɛm bɛn nie, Maame ei?
Mento wo nwom bɛn koraa?
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam' o, ɔdehyeɛ ei
(Menka wo asɛm bɛn nie?) Aah
(Mento wo nwom bɛn koraa aah?) Mento wo nwom bɛn koraa?
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o)
Mɛmene wo ato me yam' o
(Menka wo asɛm bɛn nie?) Menka wo asɛm bɛn nie?
(Mento wo nwom bɛn koraa aah?) Mento wo nwom bɛn koraa?
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o
Afia Foowaa Amanfo ei
(Menka wo asɛm bɛn nie?) Yeah
(Mento wo nwom bɛn koraa aah?) Mento wo nwom bɛn koraa?
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o)
Amoah Carina, Nana ei
(Menka wo asɛm bɛn nie?) Yeah
(Mento wo nwom bɛn koraa aah) ah, ah
(Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o)
Mɛmene wo ato me yam' o
(Menka wo asɛm bɛn nie?) Ɔdɔ ei
(Mento wo nwom bɛn koraa aah?) Obi dɔ wiase ei
Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o)
Sɛ wonnim a mensɛ hwee aah-eh
(Menka wo asɛm bɛn nie?) Oh
(Mento wo nwom bɛn koraa aah) ah
(Woyɛ aduane a nka mɛmene wo ato me yam o)
Wo nka me ho a metɔ sini
Menka wo asɛm bɛn nie? Eh
Written by: Oheneba Family