Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Akwaboah
Akwaboah
Harmony Vocals
Sarkodie
Sarkodie
Rap
COMPOSITION & LYRICS
Akwaboah
Akwaboah
Songwriter
Michael Owusu Addo
Michael Owusu Addo
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Akwaboah
Akwaboah
Producer

Lyrics

Obaa no wopɛ no dea
Bɔmmɔden na fa obuo ma no
Wo nuabaa na obi aware no a, anka mmusuo nka no
Woayi n'akoma mu ama wo
Na wode no akosi suogya no
Wo tene wonsa wɔ no bɔ nsasomu
Ɔdaso pɛ wo nti na oguso ne wo da no
Nea ɛmaa hia ne akorɔkorɔ
Ɛnte wo nsa mmɔ no da
Wo se wosua no saa ara na wopapa yɔɔyɛ a
Ɛneɛ mɛnwhɛ obi asa so mfa nsa woasa
Barima ne nea ɔne ne yere fa adwene
W'aso ayɛ she koraa wo hu no wosee bae
Frɛ no ɔdɔyewu, princess ɔyɛ obiba
Mɛnfrɛ no hey
Gyegye obaa no so na ɔbɛma wo anigye bi
Ɛntene wo nsa wɔ no so
Ɛnyɛ saa woakoturu emirika bi
Sɛ wodɔ no kyerɛ no kyerɛ no sɛ wodɔ no o
Tene woani na whɛ no
Na obiba ne no, obiba ne no, obiba ne no
Sɛ wodɔ no kyerɛ no kyerɛ no sɛ wodɔ no o
Tene woani na whɛ no
Na obiba ne no, obiba ne no, obiba ne no
Ɔfrɛfrɛ wo a,ɛnyɛ sɛ ebia ɔretaataa wo
Baabi a wonam no ɔpɛsɛ ohunu sɛ wohoyɛ anaa?
Sɛ n'ani di woakyiri a, ɛnyɛ sɛ ebia ɔre monitor wo o
Baabi a wonam no ɔpɛsɛ ohunu sɛ woadidi anaa?
Ɛyɛ ɔdɔ ntia, ɔdɔ ntia
Ɛnkyerɛ wo ho enngu no so o ɔdɔ ntia
Ɛyɛ ɔdɔ ntia, ɔdɔ ntia
Ɛnkyerɛ wo ho enngu no so o ɔdɔ ntia
Daakye asɛm enti na, yedi kwadu a, yegya ne ho no
Wohwɛ na sɛ wontumi gyegye no so a, gyae no ma no nkɔ fie
Na obi akɔnɔdeɛ ne odompong nsono
One man poison another man meat
Ɔdɔ no ɛmma no fan, ma no pii na ɛnso no
Sɛ wonim twi a, bɔmmɔden ara na tena back seat
Gyegye obaa no so na ɔbɛma wo anigye bi
Ɛntene wo nsa wɔ no so
Ɛnyɛ saa woakoturu emirika bi
Sɛ wodɔ no kyerɛ no kyerɛ no sɛ wodɔ no o
Tene woani na whɛ no
Na obiba ne no, obiba ne no, obiba ne no
Sɛ wodɔ no kyerɛ no kyerɛ no sɛ wodɔ no o
Tene woani na whɛ no
Na obiba ne no, obiba ne no, obiba ne no
Ɔne worekasa a, wonsa si wobo, whɛ!
Wo ara wo ne wo ara yennae wo o, mma yentu wo fo
Sɛ woaka dabi dabi dabi a
Awerɛhoɔ beku wo o
Enti gyegye obaa no so, krakye eh
She is supposed to be your lover and not your rival
She is supposed to be your lover and not your rival
She is supposed to be your lover and not your rival
She is supposed to be your lover
Gyegye obaa no so na ɔbɛma wo anigye bi
Ɛntene wo nsa wɔ no so
Ɛnyɛ saa woakoturu emirika bi
Sɛ wodɔ no kyerɛ no kyerɛ no sɛ wodɔ no o
Tene woani na whɛ no
Na obiba ne no, obiba ne no, obiba ne no
Sɛ wodɔ no kyerɛ no kyerɛ no sɛ wodɔ no o
Tene woani na whɛ no
Na obiba ne no, obiba ne no, obiba ne no
Written by: Gladstorm Kwabena Akwaboah, Michael Owusu Addo
instagramSharePathic_arrow_out