Top Songs By Sarkodie
Similar Songs
Lyrics
[Verse 1]
Tie
Masɔre, mafe ɔdɔyɛwu (Huh)
Bra, na meredi yaw, m'akoma mu (Now)
Wo mfonii, wo ntoma
Wo perfume agye me mpa so menni hwee, ɛnnɛ agye mesu
Twerɛ me letter (Huh)
Ɛmma ɔdɔ a mewɔ ma wo nyɛ kwa (No)
Sɛ me ne wo ntam' bɛtete, never (Huh)
Ɔdɔ no atwe tann, na ɛsene leather
Yvonne Chaka Chaka (Word)
Frɛ me ɛ (Now)
Yɛmmɔ nkɔmɔ
Fafa, m'ani agyina wo, hu me mmɔbɔ
Wo ho nti, mendidi, gari-fɔtɔ
Kaa wo ho, brɛ me wo dɔ, kyekyere no bɔtɔ
Neɛ woreyɛ biara twa so na bra
Deɛ ɛbɛsi wo kwan no, fa ho na tra (Huh)
Yɛnkɔka ntam wɔ river Pra
Bra na bɛgye ɔdɔ nkuto fa sra, ɔdɔ
[PreChorus]
Ɔdɔ nkyerɛ me neɛ menyɛ mma no (What else?)
Na ɔnsan n'akyi mmra fie mmɛhwɛ me wae
Ɔdɔ nka ne ho mmɛhwɛ me, biribi tempte me, ɔdɔ, now
Metwa me ho a mfonii nko ara (Ah)
Nanso mentumi ne mfonii mmɔ nkɔmɔ
Daabi da, naa, daabi da, yeah
Mebɔ m'ani a, mebɔ m'ani a, m'aniwa mu nisuo o
Enti ɔdɔ nkyerɛ me nea menyɛ mma no ɛ
Na ɔnsan n'akyi mmra fie mmɛhwɛ me wae
[Chorus]
Ɔdɔyɛwu amma a ɔdɔ amma a (Ɔdɔyɛwu amma a)
Mɛwu mahyɛ no o, oh (Mɛwu mahyɛ no o)
Ɔdɔyɛwu amma a ɔdɔ amma a (Ɔdɔyɛwu amma a)
Mɛwu mahyɛ no o, oh (Mɛwu mahyɛ no o)
Ɔdɔyɛwu amma a ɔdɔ amma a (Ɔdɔyɛwu amma a)
Mɛwu mahyɛ no o, oh (Mɛwu mahyɛ no o)
Ɔdɔyɛwu amma a ɔdɔ amma a (Ɔdɔyɛwu amma a)
Mɛwu mahyɛ no o, oh, agya-ei
[Verse 2]
Baabi a ɔdɔ da no ayɛ nwununwun
Me dabrɛ ayɛ hyehyeehye
Baabi a ɔdɔ da no ayɛ nwununwun
Me dabrɛ ayɛ hyehyeehye
[Verse 3]
Tie
Safety first (Huh)
Ɔdɔ no yɛwɔ mu difference (Yes)
Suzzy se, ɔrekɔdi weekends
Ɛnne me nnɛ, me dɔfo wɔ hɛn?
Bɛka me ho hye, mafe wo sɛ sukɔm (Word)
Firi sɛ wogyaa me, meda so da kɔm (Now)
Kyerɛ me nea menyɛ, nkotodwe gu fam (Ah)
Kae sɛ ɔmani yɛ dɔm
Susana, mayera m'adepa bi (Word)
Mɛka m'asɛm da bi, da bi (Now)
Bɔ no a wohyɛɛ me, wo werɛ afi? (No)
Deɛn na menyɛ ansa na woadi m'akyi? (Huh)
Mma no nyɛ wo ahi, 'bɔ me ho ban, nti sɛ wonni hɔ a (Yeah)
Me so te, wohwɛ m'anim a
Na sɛ medwen sɛ nea medɔ wo no a
Obi nkɔse me dɔfo sɛ, 'wamba' a?
[Verse 4]
M'adepa bi ayera o (Ha)
M'adepa bi ayera o
Mɛyɛ deɛn mahunu no o?
M'adepa bi ayera o
M'adepa bi ayera o
Mɛyɛ deɛn mahunu no o?
M'adepa bi ayera o
M'adepa bi ayera o
Mɛyɛ deɛn mahunu no o?
[Verse 5]
Anomaa a, worekɔ ei
Kɔka kyerɛ, me dɔfo yi sɛ
Me dɔfo yi sɛ, me dɔfo yi sɛ
[Chorus]
Sɛ wamma a ɔdɔ amma a (Ɔdɔyɛwu amma a)
Mɛwu mahyɛ no o, oh (Mɛwu mahyɛ no o)
Sɛ wamma a ɔdɔ amma a (Ɔdɔyɛwu amma a)
Mɛwu mahyɛ no o, oh (Mɛwu mahyɛ no o)
Ɔdɔyɛwu amma a ɔdɔ amma a (Ɔdɔyɛwu amma a)
Mɛwu mahyɛ no o, oh (Mɛwu mahyɛ no o)
Ɔdɔyɛwu amma a ɔdɔ amma a (Ɔdɔyɛwu amma a)
Mɛwu mahyɛ no o, oh
Written by: Sarkodie