Music Video

Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Amakye Dede
Amakye Dede
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Amakye Dede
Amakye Dede
Songwriter

Lyrics

Kwan so brebrew
Kwan so brebrew
Kwame Yusif a wofiri Asante Akim Obogu
A ɔte nkran Abeka
Ɔse owuo nti ɛnnɛ ontumi kasa ɛna w'ahome
Kwame ɛkwan so brebrew
Kosɛ kosɛ Asɔnsuaso ba Kwaw Gyebi nenam Jamase
Ɔwerɛhoni ba ɔkoro Mansa
Bɛrima bɛkɔ Tarkwa oo kosɛ kosɛ
Kosɛ kosɛ Asɔnsuaso ba Kwaw Gyebi nenam Jamase
Ankonam mmɔborɔ ɔkoro Mansa
Bɛrima bɛkɔ Tarkwa oo
Kwan so brebrew
Ewiase sɛ woba bɛyɛ bi na sɛ anyɛ yie a din a yɛ taa de ferɛ wo ne ayɛbiaguo
Nti ɔkwan so brebrew
Ei, owuo de dɔm bɛkɔ
Efiri sɛ ɔdomankoma bɔɔ adeɛ ma owuo fa no
Owuo akum ɔbaatan agya ne ba
Obi buronii na owuo de no kɔ yi
Ɔkoro Mansa saa na ɔbɔfoɔ nnim aboa yarefoɔ koraa koraa koraa koraa
Ei, owuo de dɔm bɛkɔ
Efiri sɛ ɔdomankoma bɔɔ adeɛ ma owuo fa no
Owuo akum ɔbaatan agya ne ba
Obi maame na owuo de no kɔ yi
Ɔkoro Mansa saa na ɔbɔfoɔ nnim aboa yarefoɔ koraa koraa koraa koraa
Kosɛ kosɛ Asɔnsuaso ba Kwaw Gyebi nenam Jamase
Ɔwerɛhoni ba ɔkoro Mansa
Bɛrima bɛkɔ Tarkwa oo kosɛ kosɛ
Kosɛ kosɛ Asɔnsuaso ba Kwaw Gyebi nenam Jamase
Ɔwerɛhoni ba ɔkoro Mansa
Ɔbɛrima bɛkɔ Tarkwa oo
Ewiase yi mu, owuo tumi ma obi tete agyanka
Agyanka no bɛyɛ yie a ɔbenyini ahwɛ no na owuo abɛ fa no
Auntie Mansa Agogo Asante Akim ɛna ofiri ntanyinba
Ɔse owuo w'afa no maame Serwaa ama ɛnnɛ w'ayɛ agyanka
Ei, ɛna nim sɛ, ewiase yi mu ɔbaatan na anim neɛ ne ba bedie nti
Wabrɛ no ho ayɛ adwuma a, ɔse daakye no mma adidi mu oo
Nanso, owuo amma neɛ w'abrɛ anya anni
Yɛnsɔ mu oo yɛnsɔ mu oo maame de awerɛhoɔ akɔ da baabi
Auntie Mansa se ne maame Serwaa akɔ da baabi basaa
Ei, akunafoɔ mmɔborɔ, ɔbaa bi nso ɔse ɔne ne kunu ayɛ adwuma
Adwuma no bɛyɛ yie no, owuo afa bɛrima yi agya ɔbaa yi
Ɔbaa kunufoɔ yi se, ne dadwen nyinaa ayɛ no basaa
Dabiara n'asɛm a ɔkaa no sɛ, "me buronii de awerɛhoɔ akɔ asamando"
Ɔkoro Mansa obi nso dɔfo bi akɔ baabi basaa
Kosɛ kosɛ Asɔnsuaso ba Kwaw Gyebi nenam Jamase
Ankonam mmɔborɔ ɔkoro Mansa
Bɛrima bɛkɔ Tarkwa oo kosɛ kosɛ
Kosɛ kosɛ Asɔnsuaso ba Kwaw Gyebi nenam Jamase
Ɔwerɛhoni ba ɔkoro Mansa
Bɛrima bɛkɔ Tarkwa oo
Me nana Gyebiwaa ɔkwan so brebrew
Damirifa due
Ewiase yi mu, agya wɔ hɔ yi, ɛyɛ nam a, ɛnkyɛ
Bɛrima nso bɛyɛɛ bi, w'ambɛ yɛ no nyinaa
Kwan so brebrebrebrew
Ei, akunafoɔ mmɔborɔ, ɔbaa bi nso ɔse ɔne ne kunu ayɛ adwuma
Adwuma no bɛyɛ yie no, owuo afa bɛrima yi agya ɔbaa yi
Ɔbaa kunufoɔ yi se, ne dadwen nyinaa ayɛ no basaa oo
Dabiara n'asɛm a ɔkaa no sɛ, "me buronii de awerɛhoɔ akɔ asamando"
Ɔkoro Mansa obi nso yere akɔ akɔda baabi basaa
Ei, agyanka mmɔborɔ, agyanka mmɔborɔ auntie Mansa ee me mmɔborɔ mu oo
Ɛna akɔda baabi basaa, w'ama metete ngyanka nnɛ
Auntie Mansa se ne maame Serwaa akɔ da baabi basaa
Neɛ onua awuo nnue
Neɛ ne yere awuo nnue
Neɛ onua awuo nnue
Agyanka me ma wo damirifa due oo
Ɛna akɔda baabi basaa, maame ama metete awerɛhoɔ nnɛ
Auntie Mansa se ne maame Serwaa akɔ da baabi basaa
Neɛ onua awuo nnue
Neɛ ne ɔseɛ awuo nnue
Neɛ ne yere awuo nnue
Kunufoɔ ee me ma wo damirifa due oo
Ɔdɔ akɔda baabi basaa, me buronii ama metete ngyanka
Auntie Mansa se ne maame Serwaa akɔ da baabi basaa
Kosɛ kosɛ Asɔnsuaso ba Kwaw Gyebi nenam Jamase
Ɔwerɛhoni ba ɔkoro Mansa
Bɛrima bɛkɔ Tarkwa oo kosɛ kosɛ
Kosɛ kosɛ Asɔnsuaso ba Kwaw Gyebi nenam Jamase
Ɔwerɛhoni ba ɔkoro Mansa
Bɛrima bɛkɔ Tarkwa oo kosɛ kosɛ
Kosɛ kosɛ Asɔnsuaso ba Kwaw Gyebi nenam Jamase
Ɔwerɛhoni ba ɔkoro Mansa
Bɛrima bɛkɔ Tarkwa oo kosɛ kosɛ
Kosɛ kosɛ Asɔnsuaso ba Kwaw Gyebi nenam Jamase
Ankonam mmɔborɔ ɔkoro Mansa
Bɛrima bɛkɔ Tarkwa oo kosɛ kosɛ
Written by: Dan Amakye Dede
instagramSharePathic_arrow_out