Lyrics

Hey! Me deɛ, mennim hwee o, oh, eh Deɛ menim ara ne sɛ mahyia Ɔbarima bi o Waka me asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi Me deɛ, mennim hwee o, ei! Deɛ menim ara ne sɛ mahyia Ɔbarima bi o Waka me aseresɛm dɛdɛɛdɛ bi, hey! Yɛfrɛ no Yesu o, oh-eh Yɛfrɛ no Jesus Mehyiaa No na mebɛnn No no o, oh Waka me asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi Yɛfrɛ no Yesu o, oh-eh Yɛfrɛ no Messiah no o, oh-eh Mehyiaa No na mebɛnn No no a, no a, no a, yeah Waka me aseresɛm dɛdɛɛdɛ bi Yɛfrɛ no Yesu o, oh Yɛfrɛ no Jesus Mehyiaa No na mebɛnn No no o, oh Waka me asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi Yɛfrɛ no Yesu o, oh Yɛfrɛ no Jesus Mehyiaa No na mebɛnn No no a, no a, no a (Nacy) Waka me asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi o (fitiw nwomn') Hey! Tie me! Me deɛ na meda dɔtɔdeɛ bi mu mpo a Na na anidasoɔ nyinaa asa Merewɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ serɛ so no Na me deɛ, menim sɛ mawu awie o Nanso mehyiaa Yesu no a Ɔkyee me tenaa ase o Na Ɔde apɔ bi too me tirim' sɛ "Me ba ei, Meka wo ho o" Na Ɔde asɛm pa bi too me tirim' sɛ "Me ne wo wɔ hɔ kɔsi awieɛ" ah Yɛfrɛ no Yesu o, oh-eh Yɛfrɛ no Je-Je-Jesus, eh Mehyiaa No na mebɛnn No no o, eh-eh Waka me asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi Me deɛ na meda dɔtɔdeɛ bi mu mpo a Na na anidasoɔ nyinaa asa, yeah Merewɔ ntwɛtwɛdɛ wɔ serɛ so no ei Na me deɛ, menim sɛ mawu awie o Akua ei, mehyiaa Yesu no a Ɔkyee me tenaa ase o Na Ɔde asɛm dɛ bi too me tirim' sɛ "Me ba ei, Meka wo ho o" Na Ɔde asɛm pa bi too me tirim' sɛ "Me ne wo wɔ hɔ kɔsi awieɛ" Ɔno ne Yesu o, oh-eh Ɔno ne Messiah no o, eh Mehyiaa No na mebɛnn No no a, no a, no a Waka me asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi Ɔno ne Kristo no o (Kristo no o) Ɔno ne m'adeɛ nyinaa (nah, nah-nah, nah, hey) Mehyiaa No na mebɛnn No no o (waka me asumasɛm) Waka me asumasɛm (dɛdɛɛdɛ bi) Me nua ei! Adɛn nti w'aba mu abuo? Adɛn nti na worete nisuo sei? Wontumi ndwendwen dwen Mfa baasafa baako mpo ntoa wo tenten so, ah Gyae osu a woresu yi o, gyae awerɛhoɔ a woredi yi o Na wohyia Yesu a, Ɔbɛka wo asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi Adɛn nti w'aba mu abu sei? Adɛn nti na worete nisuo sei? Wontumi ndwen mfa baasafa baako mpo Ɛntoa wo tenten so o, ei Fa wo haw nyinaa, fa brɛ, fa brɛ Yesu o, oh-eh Fa wo dadwen nyinaa ei Fa ma, fa ma Yesu o, oh-eh Na Ɔbɛka wo asumasɛm dɛɛdɛ bi Asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi Ɔbɛkyekyere wo werɛ o, oh-eh Wama wo haw nyinaa to atwa o, hey-eh La-la, la-la-la, la Me deɛ, mennim hwee o, yeah Deɛ menim ara ne sɛ mahyia Ɔbarima bi o Waka me asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi Akua ei, mennim hwee o, ah Deɛ menim ara ne sɛ mahyia Ɔbarima bi o, eh Waka me aseresɛm dɛdɛɛdɛ bi, aah! Yɛfrɛ no Yesu o, oh-eh Yɛfrɛ no Jesus Mehyiaa No na mebɛnn No no o, oh Waka me asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi Yɛfrɛ no Yesu o, oh, oh (yɛfrɛ no Yesu o, oh-eh) Yɛfrɛ no Messiah no o, oh-eh (yɛfrɛ no Jesus) Mehyiaa No na mebɛnn, mebɛnn, mebɛnn No a, yeah Waka me aseresɛm dɛdɛɛdɛ bi Mefrɛ no Yesu o, oh Mefrɛ no Jesus Mehyiaa No na mebɛnn No no o, oh Waka me asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi Yɛfrɛ no Yesu o, oh Yɛfrɛ no Jesus Mehyiaa No na mebɛnn No no o, oh-eh Waka me asumasɛm dɛdɛɛdɛ bi
Writer(s): Selina Boateng Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out