Lyrics

Okuraseni mmɔborɔnii
Na Nyame asesa me ma me nni ho adansie
Adeɛ obi nnyɛ bi Onyame yɛ de hyɛ no din animonyam
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na Onyame yɛ ma yedi ho adansie
Deɛ obi nnyɛ bi da oo na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam wate
Ɔno na otumi adeɛ nyinaa yɛ
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam
Ah otumi adeɛ nyinaa yɛ
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam wate
Aman bɛhwɛ me oo, ɛnnɛ onni bi me na me nie
Onni bi me na me nie, nkorɔfoɔ mpaguo na me fira
Ɛnnɛ Nyame aferɛ afrahyia aka sɛ yɛbɛ bɔ me dua
Bebiara mɛkɔ na odi m'akyi saa ama me ho ayɛ huhuhu
Ahu ahe ahuhuhu
Nyame bɛyɛ biribi abrabɔ no mu
Asoɔ nyinaa bɛte bi o, ahu bɛkye wɔn ayɛ huhuhu
Ɛhɛ, na woa w'agyina womanfoɔ mu adi adanseɛ
Afei deɛ nhyira no abusu ei
Me nhyira yi, abuso ei, abuso ei, abuso ei
Abuso, abuso, abuso ei, medɔfo me Nyankpɔn ɔsurpise mo
Ɔyɛ wei nom nyinaa de hyɛ ne ho animonyam
Biribi biribi biribi ɛnyɛ Nyame den o (No)
Biribi nso Onyame yɛ oo (No)
Neɛ aboro adwen ne nteaseɛ so no, ɛno na ɔyɛ hyɛ ne ho animonyam
Ɔno na otumi adeɛ nyinaa yɛ
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam wate
Ah otumi adeɛ nyinaa yɛ
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam wate
Ah otumi adeɛ nyinaa yɛ
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam wate
Ah otumi adeɛ nyinaa yɛ
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam wate
Na hwan koraa na ɔyɛ mmɔborɔnii a na ɔsene me?
Na hwan koraa na ne ko yɛ nea ɔsene me abrabɔ mu oo?
Efiri me tiri so besi fɔm yi mehunu sɛ nneɛma asesa oo
Afei deɛ nneɛma adane adane adane adane hey
Ɛnneɛma nte sɛ neɛ ɛteɛ no biom
Onyame ayɛ deɛ foforɔ nti menua ee afei deɛ emu yɛ
Onyame hu yɛ hu oo, ɔyɛ nneɛma yie yie
Afei deɛ w'ayɛ ama no ayɛ fɛ dodo
W'ayɛ ama no ayɛ nwanwa
W'ayɛ ama no edi mu dodo
Aaaah aaah
Biribi nyɛ Nyame den (Daabi)
Biribi nso Onyame yɛ (Daabi)
Na neɛ aboro adwen ne nteaseɛ so no ɛno na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam hwɛ
Biribi nyɛ Nyame den
Biribi nso Onyame yɛ
Na neɛ aboro adwen ne nteaseɛ so no ɛno na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam wate hwɛ
Biribi nyɛ Nyame den
Biribi nso Onyame yɛ
Ɛno koraa na menteaseɛ sɛ ɔyɛ ɔhyɛ wobɔ animonyam yi
Ɔno na otumi adeɛ nyinaa yɛ
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam
Ah otumi adeɛ nyinaa yɛ
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam wate
Ɔno na otumi adeɛ nyinaa yɛ
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam
Ah otumi adeɛ nyinaa yɛ
Adeɛ obi nnyɛ bi da, na ɔyɛ de hyɛ no din animonyam wate
Written by: Esther Asiedu
instagramSharePathic_arrow_out