Top Songs By Nana Kwame Ampadu
Credits
PERFORMING ARTISTS
Nana Kwame Ampadu
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Nana Kwame Ampadu
Songwriter
Lyrics
Ɔbra aah aah aah aah ɔbra
Ɔbra ɛne woara oo
Ɔbra aah aah aah aah ɔbra
Ɔbra ɛne woara oo
Ɔbra yi, onipa ne ɔbra yi
Yɛbɔ no sɛ, akokɔ hwehwɛ beebi atoɔ
Agyesɛ ɔnoara o, ɔnoara o
Aah aah aah aah ɔbra
Ɛne woara oo
Meyɛ abɔfra no a, yɛtɔ ma medie no
Na me ho pre me sɛ, mɛyɛ panyin ntɛm
Na mea medi me ho so, medi me ho so wɔ abrabɔ yi mu
Sɛɛ na panyinyɛ wɔ hɔ yi, ɛyɛ adeɛ bi ɛyɛ ya sɛ
Ah ɔbra, onipa ne ɔbra yi
Hmmm ɔbra
Ɛne woara oo
Meyɛ abɔfra no, sɛ me maame wie aduane
Na otwa me deɛ to abosua mu
Na sɛ ɔde me papa deɛ to kometii mu ah
Ɛyɛ a, na ɛyɛ me yaa o, aka menko a nanka m'ayɛ panyin
Sɛɛ na me papa didi a, odidi gu adwendwen so
Ah ɔbra yi, onipa ne ɔbra yi
Aah aah aah aah ɔbra yi
Ɛne woara oo
Ɔbra aah aah aah aah ɔbra
Ɔbra ɛne woara oo
Ɔbra aah aah aah aah ɔbra
Ɔbra ɛne woara oo
Ɛnnɛ deɛ m'ayɛ panyin o
M'aware meyi akɔnhoma sika
Mmm abrabɔ yi, sɛɛ na ɛnna fɔm o
Adeɛ akyi anɔpa oo, meho mfa me
Na sɛ m'ankɔ adwuma nso a, ɔkyena deɛn na me di?
Ah ɔbra yi, yɛ bɔ no animea o
Aah aah aah aah ɔbra
Ɛne woara oo
Ɛnyɛ ɛbre nyinaa ɛna akokɔ baatan
Ɔhwete pɛ aduane a ɔfrɛ ne mma
Nti anoma kɔkɔsekyi sɛ, ɔse ɔnnane obia
Efiri sɛ obia boa wo wɔ abrabɔ mu a
Ɔkyena ne ɛnkeka, akyire nso so pa
Nkae ne mpowatwa nkoa nti anoma kɔkɔsekyi sɛ
Odidi sumina ase so, aboa no mpo a w'ahunu aka yi
Na me ne wo ɔdasani, nti yi w'ani firi obi so
Aah aah aah aah ɔbra yi
Ɛne woara oo
Ɔbra aah aah aah aah ɔbra
Ɔbra ɛne woara oo
Ɔbra aah aah aah aah ɔbra
Ɔbra ɛne woara oo
Abusua deɛ obi da mu o, nso wodeɛ nya asɛm hwɛ
Hwan mpo na wobedi w'anim wɔne wo akɔ ka asɛm yi?
Nti yi w'ani firi obi so o, na ɔbra ne deɛ woa w'abɔ
Aah aah aah aah ɔbra
Ɛne woara oo
Ɔbra aah aah aah aah ɔbra
Ɔbra ɛne woara oo
Ɔbra aah aah aah aah ɔbra
Ɔbra ɛne woara oo
Written by: Nana Kwame Ampadu