Top Songs By Nana Kwame Ampadu
Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Nana Kwame Ampadu
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Nana Kwame Ampadu
Songwriter
Lyrics
Adwuma yi ɛɛdɛ oo nanso emuɔ ya (Emuɔ ya emuɔ ya)
Ehia ma aboterɛ adriverfoɔ monnue oo ao monnue oo
Nnwom a yɛbɛtoɔ yi yɛɛ to ahyɛ adriverfoɔ animuonyam
Sɛdeɛ yehunu driving adwuma no ehia ma aboterɛ
Driverfoɔ ee monnue oo
Yɛ san ma mo nkuranhyɛ oo
Hwɛ drivernii w'asɔre anɔpa w'akɔ tena wo seat anim no
Wo honam nyinaa akɔ yɛ adwuma
W'ani, w'aso, wo hwene wo nsa mmienu ɛne wo nan mmienu
Ɛsɛsɛɛ wode woani hwɛ kwan mu yie na w'ankɔ fa esan biara mma
Drivernii ee wo mfomsoɔ a wobɛyɛ no
Sɛ Onyame ampata a, wahwere ɔkra bi nkwa
W'aso ne wo hene nso, ebia wɔ n'adwuma a ɛyɛ
Wo nsa mmienu yi, sɛ ɛbobare steer no mu a nie
Wo nsa korɔ yi a, ɛyɛ gear no adwuma
Wo bɛ bɔ abɛn wo bɛkyim wiper
Trafficator wo nsa korɔ yi a
Wo nan mmienu nso berɛ a ɔmo berɛ wɔ aseɛ hɔ
Clutch breake ɛne car no gya no a
Ɛsɛsɛɛ wo nan yi, ɛhwɛ yɛ bibiara pɛpɛɛpɛ
Na w'asi mu a wode apassengerfoɔ bi tu kwan no
Wo tu mmirika kakra pɛ a, ebinom bedidi wo atɛm
"Hwɛ, driver towobo, towobo na w'ankɔ kum yɛn"
Ɛhene a na yɛrekɔ a, wode car tu mmirika sei yie?
Sɛ w'ankɔ ntɛm so a, apassengerfoɔ no bi bɛteatea wo
Hɛ, driver, wpɛ sɛ yɛ da kwan mu anaa?
Wontia gya so sɛ, yɛpɛ ntɛm akɔ yɛ yɛn adeɛ
Na wo a onipa baakofoɔ wobɛyɛ deɛn?
Driving adwuma yi, ehia ma aboterɛ
Paasengerfoɔ yi nso, ebinom dwan yɛn paa
Ɔyɛ aduru beebi a obesie no, ɔnka no ntɛm
Beebi a ɔpɛ sɛ osi hɔ, na ɔbɛ tea mu sɛ
"Driver gyina gyina gyina na mɛsi ha"
Sɛ w'angyina hɔ nom amma no a, driver due
Atɛmdidie a ɛkɔɔ twii kɔɔ brɛman no nyinaa
Drivernii ee, wobɛgya ahyɛ wo ho cool
Nti na meeka no driving yi a ɛnda fɔm
Driverfoɔ monnue oo yɛ ma mo nkuranhyɛ oo
Adwuma yi ɛɛdɛ oo nanso emuɔ ya (Emuɔ ya emuɔ ya)
Ehia ma aboterɛ adriverfoɔ monnue oo ao monnue oo
Adwuma yi ɛɛdɛ oo nanso emuɔ ya (Emuɔ ya emuɔ ya)
Ehia ma aboterɛ adriverfoɔ monnue oo ao monnue oo
Driving adwuma yi, ɛdɛ a ɛwɔ mu ne sɛ
Drivernii biara pɛ life, drivernii bia pɛ show
Nti wosɔre anɔpa kɔ tena wo seat anim no
Obia hunu wo a, na w'afrɛ wo
Na wo nso wayi wo nsa wode nyɛm oni korɔ no
Ɛba no saa, wobehunu sɛ wotiri mu ayɛ wo dɛ
Wo nso woyɛ popular, wo nso woyɛ somebody
Driving adwuma yi, ɛdɛ baako a ɛwɔ mu ne sɛ
Wo lorry asɛe a, wonkɔ kwan soɔ no
Wodeɛ kɔ station yɛbɛ wo bookman
Wo nyɔnko bi nso ɔbɛ ma wo spare
Deɛ wobedi nkoaa deɛ wobenya no daa
Driving adwuma yi, deɛ ɛma ɛyɛ dɛ biom ne sɛ
Wo nam kwan so no wohyia wo nyɔnko driver
Ɔbɛ sɔ ne kanea na ɔde akyea wo
Na wonso w'asɔ wodeɛ, wode agye no so
Wo behunu sɛ wo nyɔnko no w'ayi no nsa wowɔ fɔm
Sɛ ɔyɛ saa, ɔde bɔ nkaeɛ sɛ
Yaanom wɔ kwan mu apolisfoɔ wɔ kwan mu
Wo korɔ no nso ebia na w'afa polisnii bi
Wode no tena wo front wo tiri ayɛ yie
Ɔte mu nkoaa deɛ polisnii bia nkɔ haw wo wɔ kwan mu
Na driving adwuma yi, deɛ ɛyɛ mefɛ wɔ mu ne sɛ
Drvernii biara, ɔpɛ din nti
Ɛmmerɛ biara ɔmo taa twerɔ twerɔ yɛn car ho
Driver bi wɔ hɔ a, ne car ntwerɛ na yɛde frɛ no
Car ho ntwerɛ no nso wokekan bi a ɛyɛ dɛ yie
Ebi yɛ "Nyame som" ebi yɛ "ɔdɔ asɛm"
Ebi yɛ "Afisɛm" ebi yɛ "ɛkotiabɔ"
Na car ho ntwerɛ no nso agu ahodoɔ mmienu
Car no yɛ mono a, ɛsono sɛneɛ wɔ twerɔ ho
Ɛyɛ dadaa nso a ɛsono ho ntwerɛ
Car mono no ɛho ntwerɔ na ɛɛba yi
Epue no a wo behunu sɛ wɔn atwerɔ anim hɔ sɛ
"I love my car" ebi na edidi so yi
Car mono ho ntwerɛ "Cool and collected"
"Lover boy" "envy no man" "pɛ wodeɛ"
"Ahoɔyaa ɛyɛ wo ya" "Skinpain ɔtan nni aduro"
"Yaa baby" "still good boy" "ɔdɔyɛwu"
'Sweet Jesus" "Jah bless" "rastaman"
"Asoska, honest labour"
"Anyway, I shall return" "Road master"
"Girl bi nti" " sea never dry"
"Abele" "Akuyi Allah" "Ɛlɛ Mawusi"
"Lorlornyo" "Kamfo Yehowa" "two friends"
"Fa nyɔnko papa" "Agyapa yɛ" "Ɛnapa yɛ"
"Adanfopa yɛ" "asipa yɛ" "God is king"
"Hallelujah"
Car dadaa no, epue yɛ no
Wo behunu sɛ wɔn atwerɔ anim hɔ
"Wano pɛ asɛm"
Etwa mu nso a, hwɛ toɔ
Ɛdeɛn na w'atwerɔ?
"Ɛfa woho bɛn?"
Car dadaa no ɛho ntwerɔ bi na edidi soɔ yi
"Slow but sure" "poor no friend"
"Mɔko mɔko legend" "Jie gbɛmɛ"
"Ebaahe ebaa tsake" "me Nyame kae me ee"
"Onyame bɛkyerɛ" "ɔboafoɔ na" "fa yɛ menkoaa"
"Wayɛ afɛre" "Ɔserefoɔ nnim ewieyɛ"
"Ohia yɛ ya" "ɛmaa mpɛ ohia" "sika nti"
"Obi amusia" "sɛ asa?" "sɛ mopɛ me a nie"
"Aka m'ani oo" "akonam boafoɔ"
"Ɛbɛtɔ da a" "obi deɛ aba" "dwen woho"
"Onyame nnaaɛ" "abusua yɛ dɔm" "abusua te sɛ kwaɛ"
"Efie mpo ni?" "nko nni fie"
"Abuburo nkosua, ɛnyɛ sei yi na mɛyɛ"
"Adom wɔ wiemu, medeɛ bɛba"
"Mese mmm, ahuru a ɛbɛ dwo"
"Psalm 91, Psalm 23, the Lord is my shepherd, I shall never want"
Nti na me ka no driving adwuma yi ɛyɛ dɛ
Driverfoɔ ɛmma mo mpa aba, mu adwuma yi yɛ buei
Ɛyɛ buei, ɛyɛ buei buei buei
Ɛyɛ fucking, ɛyɛ buei
Adwuma yi ɛɛdɛ oo nanso emuɔ ya (Emuɔ ya emuɔ ya)
Ehia ma aboterɛ adriverfoɔ monnue oo ao monnue oo
Monnue oo monnue oo
Ao monnue oo
Ɔdɔyɛwu ee monnue oo
Ao monnue oo
Appiah ee monnue oo
Ao monnue oo
Small god ee monnue oo
Ao monnue oo
Yaw TP TP TP
Ao monnue oo
Monnue oo ao monnue oo
Ao monnue oo
Written by: Nana Kwame Ampadu