Top Songs By Daughters Of Glorious Jesus
Credits
PERFORMING ARTISTS
Daughters Of Glorious Jesus
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Bishop Akwasi Asare Bediako
Composer
Cynthia Appiadu
Songwriter
Edna Sarpong
Songwriter
Monica Owusu Ansah
Songwriter
Lyrics
Woyɛ m'agya woyɛ me nna
Wo ne m'adeɛ nyinaa papa ee
Woyɛ m'agya woyɛ me nna
Wo ne m'adeɛ nyinaa papa ee
Woyɛ m'agya woyɛ me nna
Wo ne m'adeɛ nyinaa papa ee
Woyɛ m'agya woyɛ me nna
Wo ne m'adeɛ nyinaa papa ee
Abba Father Abba Father Abba Father
You are my Lord
Abba Father Abba Father Abba Father
You are my king
Wo ne m'ade nyinaa agya wo ne m'anidasoɔ
Afiri me mmɔfra ase de bɛsi ɛnnɛ wo na mede me ho ato wo so
Me wura wonni me hwamɔ da oo sɛdeɛ akokɔ batan ani ku ne mma ho no
Ɔbatanpa ei w'ani ku me ho boro saa wo ne m'ade nyinaa
Agyapa menim sɛ wonyi me totwene da
Na womma ɔsɛefoɔ no nfa menyɛ ha nam mma ne se
Metiri pagyafoɔ wo ne m'ade nyinaa
Wo ne m'ade nyinaa agya wo ne m'anidasoɔ
Afiri me mmɔfra ase de bɛsi ɛnnɛ wo na mede me ho ato wo so
Me wura wonni me hwamɔ da oo sɛdeɛ akokɔ batan ani ku ne mma ho no
Ɔbatanpa ei w'ani ku me ho boro saa mewura wo ne m'ade nyinaa
Agyapa menim sɛ wonyi me totwene da daabi
Na womma ɔsɛefoɔ no nfa menyɛ ha nam mma ne se
Metiri pagyafoɔ wo ne m'ade nyinaa
Abba Father Abba Father Abba Father
You are my Lord
Abba Father Abba Father Abba Father
You are my king
W'ahyɛ yɛn bɔ sɛ wo na wo yɛ Nyame wo npaw yɛn da biara da
Ɔsɛefoɔ no na ɔnpɛ ade pa nti, ɔba sɛ ɔbɛwia na w'akum na w'asɛe
Na wo deɛ wo ba sɛ yɛbɛnya nkwa na y'anya no mmorosoɔ
Enti sɛ y'atwere wo ani, yɛbɛkɔ so atwere wo da
W'ahyɛ yɛn bɔ sɛ me Nyame na wo npaw yɛn da biara da
Ɔsɛefoɔ no na ɔnpɛ ade pa nti, ɔba sɛ ɔbɛwia na w'akum na w'asɛe
Na wo deɛ wo ba sɛ yɛbɛnya nkwa na y'anya no mmorosoɔ
Enti sɛ y'atwere wo ani, yɛbɛkɔ so atwere wo da
Sɛ y'atwere wo ani, yɛbɛkɔ so atwere wo da
Woyɛ y'agya woyɛ yɛn nna
Wo ne y'adeɛ nyinaa papa ee
Woyɛ y'agya woyɛ yɛn nna
Wo ne y'adeɛ nyinaa papa ee
Woyɛ y'agya woyɛ yɛn nna
Wo ne y'adeɛ nyinaa papa ee
Woyɛ y'agya woyɛ yɛn nna
Wo ne y'adeɛ nyinaa papa ee
Woyɛ y'agya woyɛ yɛn nna
Wo ne y'adeɛ nyinaa papa ee
Woyɛ y'agya woyɛ yɛn nna
Wo ne y'adeɛ nyinaa papa ee
Abba Father Abba Father Abba Father
You are my Lord
Abba Father Abba Father Abba Father
You are my king
Abba Father Abba Father Abba Father
You are my all
Abba Father Abba Father Abba Father
You are my all
Abba Father Abba Father Abba Father
You are my Lord
Abba Father Abba Father Abba Father
You are my king
Written by: Bishop Akwasi Asare Bediako, Cynthia Appiadu, Edna Sarpong, Monica Owusu Ansah