Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Nana Kwame Ampadu
Nana Kwame Ampadu
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Nana Kwame Ampadu
Nana Kwame Ampadu
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
The African Brothers International Band
The African Brothers International Band
Producer

Lyrics

Agatha
Agatha
Mentumi ntena, Agatha hwɛ m'anim
Mentumi ntena oo, Agatha hwɛ m'anim
M'ani agyina wo oo, Agatha hwɛ m'anim
Medeɛ mentumi tena wei, Agatha hwɛ m'anim
Ah mewu, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Akua Agatha ee, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Mehunu no na ogyina adesua mu Agatha ee
Ɔno nkoaa so na mehunu no, ɔyɛ ɔdɔ nti a
Mehunu no no, me yɛm hyee me ɔdɔ bɛn nie a?
Me moa m'ani ferɛ no, ɔgyee me so
Ɔba betia me, me busaa no din
Ɛna ɔkyerɛ me sɛ, ɔde Agatha oo obiba
Yɛ wo no Wukuoada nti memferɛ Akua oo obiba
Mede too n'anim "Agatha ee, medɔ wo oo obiba"
Ɔno nso de sereɛ ɔpene so maa me oo obiba
Na ɛyɛ anadwo nti, yɛ yɛɛ no sɛ
Yɛde bɛhyɛ anɔpa, mmm
Agatha hyɛɛ me bɔ sɛ, adeɛ kye anɔpa a
Ɛbɔ nnɔnkoron a ɔbɛba bɛ fa me menkɔ hwɛ no fie
Ɔmaame wɔ hɔ, menkɔ hunu ɔmaame sɛ medɔ no a
Menkyea ɔmaame nteaseɛ bɛyɛ n'adwuma
Ɛnam ɔdɔ nti, ɔmaame bɛ pene so ɔdɔ nti
Mentumi ntena, Agatha hwɛ m'anim
Mentumi ntena oo, Agatha hwɛ m'anim
Akua Agatha ee, Agatha hwɛ m'anim
Medeɛ mentumi tena wei, Agatha hwɛ m'anim
Agyei mewu, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Ɔdɔyɛwu ee, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Ɔdɔ bi yɛ owu ee, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Adeɛ kye anɔpa, me ampaa
Agye sɛ awia, akyere adwensoa no ɛna mesɔreɛ no
Nnɔnson ammɔ oo, madware asra oo metwɛn Agatha o obiba
Nnɔnwɔtwe bɔɛ a, Agatha mmaɛ
Abɔ nnɔnkoron Agatha amma
Nnɔnkoron ne fa abɔ oo, medɔ yi mma
Afei deɛ na me ho pere me hmm ɔdɔ bi ni
Me busa no ase, ɛwɔ n'adwuma mu
Nti mesii mu sɛ, mekɔ hwehwɛ Akua
N'adwuma mu kwan ware, taxi mfa menkɔ ee
M'agyina agyina agyina taxi mma
Nti meyɛɛ no sɛ, mede bɛto fɔm
Ɔdɔ bi deɛ saa, sɛ ɛtwetwe wo a
Wonnim beebi a wonam, ahh
Ma nante anante anante agyei
Mfifire na ɛte me e, nso me mpopa
Awia yi so bɔ paa, nso mente koraa ɔdɔ nti
Mekɔɔ Agatha adwuma mu hɔ a, manto no o, obiba
Mentumi ntena, Agatha hwɛ m'anim
Mentumi ntena oo, Agatha hwɛ m'anim
Akua Agatha ee, Agatha hwɛ m'anim
Akua Ataa Agatha ee, Agatha hwɛ m'anim
Ah mewu ai, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Ɔdɔyɛwu ee, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Agatha
Monhwɛ ɔdɔ asɛm, sɛ mekɔɔ yɛ pɛ
Agatha abesi m'akyi, menni hɔ a ɔbɛ twɛn
Dɔnhwere baako akyire, mekɔ too ɔdɔ
Ɔde me kɔɔ fie, kɔ kyea ɔmaame
Yɛ maa me akongua, ye busa me kwan so
Me bɔɔ m'amaneɛ sɛ, ɛnowa ɛnyɛ bɔne
M'abehunu Agatha ɛna medɔ no
Ɛno nso se ne biara ne wo efiri sɛ ɔyɛ agyanka
Nti na maba yi, ɔdɔ nti a na me nam obiba
Agatha maame ɛde to m'anim sɛ
"Nana ei, Nana ei, meba ne Agatha"
Na meba wɔ hɔ yi, onhia bibiara oo
Onhia bibiara oo, ɔdɔ nkoaa na ohia o obiba ei
Nti asɛm papa, Agatha dɔ wo a, ɛne no ntena
Mentumi ntena, Agatha hwɛ m'anim
Akua Agatha ee, Agatha hwɛ m'anim
M'ani agyina bebiree, Agatha hwɛ m'anim
Agyei mewu wei, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Ɔdɔyɛwu ee, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Agatha seisei me, ɔmaa me aduane
Medidi weiɛ no, yɛ twetwe nkɔmmɔ
Ɛnyɛ nkɔmmɔ ketewa, nkɔmmɔ dɛdɛ bi oo
Me plane akorɔ no a, Kofi panyin bɛhwɛ
Agatha ani nisuo waa, mepata no a, ɛntentam
Ɔdɔ se ɔne me bɛkɔ, ee ɔdɔ bi yɛ owuo
Ɔdɔ bi yɛ owuo, ɔdɔ bi yɛ owuo ah
Menso megyae no no a, mekɔ duru yɛ no
Ɛdeɛn asɛm nie, ah ɔdɔ bɛn nie a?
Agatha ho adwendwen, mayɛ basaa
Mentumi nnidi, meda a, menda
Me kasa a, mano fomfom
Mayare awerɛfire ɛneɛ mɛsan akɔ ɔdɔ hɔ
Yie ɔdɔ bi ni
Nti me somaa Kwabena Osae sɛ, agya Osae ee
Kɔ se Agatha ma me, na m'asɛm a ne sɛ
Mentumi ntena, Agatha hwɛ m'anim
Mentumi ntena oo, Agatha hwɛ m'anim
Akua Agatha ee, Agatha hwɛ m'anim
Nzema Kotokoni ba, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Ɔdɔyɛwu ee, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Akua Agatha ee, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Ɔdɔyɛwu ee, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Oh ɔdɔ nkoaa, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Mee ba ɔkyena nkoaa, Agatha hwɛ m'anim oo mee ba
Written by: Nana Kwame Ampadu
instagramSharePathic_arrow_out