Music Video

Nana Kwame Ampadu & his African Brothers Band — Kofi Nkrabea
Watch Nana Kwame Ampadu & his African Brothers Band — Kofi Nkrabea on YouTube

Credits

PERFORMING ARTISTS
Nana Kwame Ampadu
Nana Kwame Ampadu
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Nana Kwame Ampadu
Nana Kwame Ampadu
Songwriter

Lyrics

Aaoo aaoo aaoo aaoo aaoo
Baako ee menkoa m'ayɛ mmɔbɔ
Aaoo aaoo aaoo aaoo aaoo
Baako ee menkoa m'ayɛ mmɔbɔ
Aaoo hyɛbrɛ Kofi Nkrabea
Me nso me nkrabea na mede nam
Nkrabea na medi no adenden yi
Me nso me nkrabea na mede nam wiase yi mu aaoo
Ɔbaatan biara dɔ no ba o
Me maame nni ha nyinaa yɛ owu
Ɔhwɛ bra a meebɔ yi a, ɛyɛ a na ɔnte ase o
Nti me maame yɛɛ adwen sɛ
Ɔde me bɛkɔ baabi o, ama m'akɔ hwehwɛ me hyɛbrɛ mu aaoo
Nti neɛ edikan no ɔde me kɔɔ Mpata
Yɛ san kosii Mpatrampa
Ɔsan de me bɛsin kɔɔ Mpiti
Ɛkyire yɛ kɔ duru Mpitirpi
Ɔsan de me bɛsin kɔɔ Mpote
Ɛkyire nso yɛ kɔ Mpotirite
Nso amanfoɔ se ɛyɛ deɛn nie
Na me hyɛbrɛ yi yɛn nyaa ano aduro aaoo
Na baabiara yɛbɛ duroɔ nso
Asɛm a wɔkakyerɛ yɛn a no sɛ
Nkrabea wɔ hɔ yi amanfoɔ yɛmmɔ no adane o
Afei nso aboa bi ka woa, ɛyɛ a na ne nyinaa firi wo ntoma mu
Nti yie a m'anyɛ wɔ wiase yi mu a
Mepɛ yie a menkɔ busa ofie nipa aaoo
Ɔbra na amu nsɛm ayɛ huanyaa sei
Ɔbra na amu nsɛm ayɛ trokaa yi
Ɔbra na amu nsɛm ayɛ basaa yi aaoo
Aaoo aaoo aaoo aaoo aaoo
Baako ee menkoa m'ayɛ mmɔbɔ
Nanso Kofi Nkrabea e, Kofi e mensu pii o
Efiri sɛ asuo mene wo mpɛn koro pɛ a
Ɛyɛ a wotwa no prɛko pɛ
Nti m'abɛbrɛsɛ yi mu o
M'amanehunu yi mu o
Me yiya bebrebe yi mede no nyinaa ama Twedeampɔn aaoo
Mekɔ a memma nso yɛka no nkwantia
Na ɔbrɛ a ma bɛ brɛ wɔ wiase no mu
Brɛbrɛ na me wu kɔ asamando a
Sɛ mɛsan aba biom a menkoaa na menim aaoo
Aaoo aaoo aaoo aaoo aaoo
Baako ee menkoa m'ayɛ mmɔbɔ
Aaoo baako ee menkoa m'ayɛ mmɔbɔ
Aaoo baako ee menkoa m'ayɛ mmɔbɔ
Aaoo baako ee menkoa m'ayɛ mmɔbɔ
Aaoo Nkrabea ee menkoa m'ayɛ mmɔbɔ
Written by: Nana Kwame Ampadu
instagramSharePathic_arrow_out