Similar Songs
Credits
PERFORMING ARTISTS
Mama Esther
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Esther Boakye-Duah
Composer
Lyrics
[Chorus]
Ao, neɛ aba biara, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Me nua eh, neɛ asie no, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Ɔbɛtumi de kwan ato baabi a ɛkwan nna ama wo o
Neɛ asie no, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Ɔbɛtumi abɔ kwan ato baabi a ɛkwan nna ama wo o
Neɛ asie biara, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu

[Verse 1]
Ɛmmerɛ Yafja rekɔ ko no ɔhyɛɛ Awurade Nyame bɔ bi
Sɛ ɔdomfoɔ wo de me kɔ beduru asomdwoe mu a
Nea ebepue m'apono ano no mede bɛbɔ afɔreɛ ama wo o
Yafja kɔɔ ko dii nkunim
Ɛmmerɛ a ofiri ɛko reba anigyeɛ soɔ no anwanwasɛm
Ne ba baako pɛ o ɔno na odikan hyiaa, Yafja kwan
Yafja ani bɔɔ ne ba no anim ara pɛ
Ɔse me ba dɔfo eh, woaha me o
Woabrɛ m'ase papaapa
Medɔba, woaho me werɛ o
Nanso m'abue m'ano ama Awurade eh
Me ba, merentumi nsan m'akyi bio o
Enti wonsonso neɛ asie no
Hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ogyidini ee
[Chorus]
Neɛ aba biara, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Neɛ asie a, woanni nye ho no, hwɛ yie na antete wo ne Nyame dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Ɔbɛtumi de kwan ato baabi a ɛkwan nna ama wo o
Neɛ asie no, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Ɔbɛtumi abɔ kwan ato baabi a ɛkwan nna ama wo o
Neɛ asie biara, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae
[Verse 2]
Ei, y'ate no twerɛsɛm mu sɛ na Nyame yɔnko paa ne Job o
Awurade adi ne ho adanseɛ sɛ Job di mu, na ɔsɔ n'ani yie papaapa
Kae amanenya, ɔkɔm ne sukɔm a Job faa mu wɔ asaase yi so
Woampɛaba, menua, neɛ asie no
Hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu wae
Kae Job amanehunu dakoro ne mma
Ne n'agyapadeɛ nyinara firi ne nsa woate
Ayɔnkofoɔ dii ne ho fɛw ne yere mpo kaa sɛ, wei deɛ dome wo Nyankopɔn na wu
Job ampene na sɛ akyire nea ɛwhere no nyinara bɔɔ ho maa no a
Dɛn na asie menua neɛ aba no
Hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Mese Paul kaa asɛm bi sɛ ɔno deɛ ɔrena kɔm anaa sɛ adagya o
Ɔremma amanenya anaa sɛ nkrantɛ ntete dɔ a ɔwɔ ma Nyankopɔn mu da
Saa ara na meretu wo fo sɛ ɛmma nea asie kakra yi ntente saa dɔ yi mu
Na ɔbɛtumi ahwɛ wo ho menua neɛ asie no
Hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Aha, abayareɛ kwa
Ɛmma wei ntete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Awareɛ ne adwuma ayɛ basaa kakra bi
Hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Ɔbɛtumi de kwan ato baabi a ɛkwan nna ama wo o
Neɛ asie no, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
[Chorus]
Neɛ aba biara, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Neɛ asie a, woanni ngye ho no, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Ɔbɛtumi de kwan ato baabi a ɛkwan nna ama wo o
Neɛ asie no, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
[Chorus]
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Job Nyame yɛ Nyame nyansafoɔ ma wo, si abotrɛ wate
Neɛ asie biara, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Job Nyame yɛ Nyame nyansafoɔ ma wo, si abotrɛ wate
Neɛ asie no, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Ɔbɛtumi de kwan ato baabi a ɛkwan nna ama wo o
Neɛ asie biara, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Ɔyɛ Onyame nyansafoɔ
Job Nyame yɛ Nyame nyansafoɔ ma wo, si abotrɛ wate
Neɛ asie no, hwɛ na antete wo ne Nyankopɔn dɔ mu
Written by: Esther Boakye-Duah