Lyrics

Ɛdeɛbɛn na wopɛ menyɛ?
Ɔdɔ a mewɔ ma wo, ne dɛ
Hwɛ, 'ataare' a metɔ maa wo, ne fɛ
Ɛnso ɛyɛ a menhunu sɛ wohyɛ
Credit a matɔ ama wo ɛnora ne 'nnɛ, ɛ
Nanso me deɛ womfrɛ
Nsuo bɛtɔ a mframa a ɛdi kan nso kyerɛ
Yɛkaeɛ na mantie, ɛne me nnɛ, nnɛ, nnɛ, nnɛ
Deɛbɛn na mayɛ a woreba-aba abɛbu me kɔn mu? (Kɔn mu, kɔn mu)
Deɛbɛn na manyɛ a woreba-aba abɛbu me kɔn mu (kɔn mu, kɔn mu)
Sɛ wompɛ me nso a ka kyerɛ me, na matɔ wo dɔ mu
Ɔdɔ, bue me, mabɔ wo pono mu
Obi mmra o, na matɔ amena mu
Akokɔ sa kyerɛ akorɔmma a
Ɛnyɛ ne fɛ, ɛnyɛ ne fɛ (oh), ɛnyɛ ne fɛ
Akokɔ sa kyerɛ akorɔmma a
Ɛnyɛ ne fɛ (oh), ɛnyɛ ne fɛ (mm), ɛnyɛ ne fɛ
Obi se bansene, ɔde akyekyere me
Eh, ɔde anwentene me
Obi se bansene, ɔde akyekyere me
Oh, ɔde achante me
Obi se bansene, ɔde akyekyere me
Eh, ɔde anwentene me
Obi se bansene, ɔde achante me
Oh, ɔde anwetene me
Ɔse spirididim, gbum-ta, aah
Afraba, eyi aran', ɔsua
Spirididim bum-cha (siw!)
Bɔ me nhweramba, na eyi aran' ɔmboam'
Kongɔ asɔ, mese madɔn' ara aah ma pɔmpɔ abɔm', pɔmpɔ abɔm
Entsi spirididim gbum-ta (siw!)
Afraba, eyi aran', ɔsua ('ba, eyi aran', ɔsua, 'ba, eyi aran', ɔsua)
Sakoaba (sakoaba, sakoaba)
Ɔdɔ ma nnipa gyimi (aah)
Adeɛ wei deɛ, mentumi (aah)
Eduru anadwo a, aduane a Nyame anoa, ɔbaa yi se, "Mennidi"
Ah, ɔdɔ tumi ma nipa gyimi o (aah)
Adeɛ wei deɛ, mentumi o
Obi nkora me, obi nsoeɛ me
Me kɔn mu rebu, obi boa me
Akokɔ sa kyerɛ akorɔmma a
Deɛben na mayɛ a woreba-aba abɛbu me kɔn mu?
Akokɔ sa kyerɛ akorɔmma a
Deɛ ben na manyɛ a wobɛ ababɛbu me kon mu
Akokɔ sa kyerɛ akorɔmma a
Sɛ wompɛ me nso a, ka kyerɛ me, na matɔ wo dɔ mu
Ɔdɔ, bie me na mabɔ wo pono mu
Obi mmra o, na matɔ amena mu (gboi, gboi)
Ei, ɔdɔ ahye wo tooli o, me nso, Joey
Saa na ɔdɔ bi teɛ o-ei
Ɔdɔ te w'akoma a (tein)
Ɔdɔ bɔ w'akoma mu tuo o-ei (gboi!)
Ɔdɔ ahye wo tooli o, me nso, Joey
Saa na ɔdɔ bi teɛ o-ei (hey!)
Wayɛ wo sete
Wahunu akorɔmma akɔto pɛtɛ tuo o-ei
Ma ne nkɔ, ma ne nkɔ, ma ne nkɔ, ma ne nkɔ
Na ɔdɔ bi bɛkum wo o-ei (gboi!)
Ma ne nkɔ, ma ne nkɔ, ma ne nkɔ, ma ne nkɔ
Na ɔdɔ bi bɛkum wo o-ei
Deɛbɛn na mayɛ a woreba-aba abɛbu me kɔn mu? (Kɔn mu, kɔn mu)
Ɔdɔ bi bɛku wo o-ei
Deɛbɛn na manyɛ a woreba-aba abɛbu me kɔn mu?
Ɔdɔ bi bɛkum wo o-ei
Sɛ wompɛ me nso a, ka kyerɛ me, na matɔ wo dɔ mu (gboi, gboi!)
Ɔdɔ, bie me, na mabɔ wo pono mu
Obi mmra o, na matɔ amena mu
Ɔse spirididim, gbum-ta, aah
Afraba, eyi aran', ɔsua
Spirididim gbum-ta (siw!)
Bɔ me nhweramba, na eyi aran' ɔmboam'
Kongɔ asɔ, mese madɔn' ara aah ma pɔmpɔ abɔm', pɔmpɔ abɔm
Entsi spirididim gbum-ta (siw!)
Afraba, eyi aran', ɔsua ('ba, eyi aran' ɔsua, 'ba, eyi aran', ɔsua)
Written by: DJ Breezy
instagramSharePathic_arrow_out