Similar Songs
Lyrics
Bisa Kdei
Ah sɛ sika ba meho a na obia pɛ me adanfoɔ
Nanso ɛwe me na ɛde me a pɛ na madane wiemfoɔ
Me nanfoɔ a ɔmo wɔ me ho no, ɔmo mboa me ee
Adeɛ a meyɛ bia ɛyɛ ɔmo fɛ
Kakra me wɔ nti, mekɔ frɛ me maame aba ama no atu me fo
Nti me kɔ no bɔkɔɔ saa (Saa pɛpɛɛpɛ)
Mɛ kɔ frɛ me maame aba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Maame ee bra na bɛhwɛ wo ba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Sɛ menya sika a na sane eba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Saa saa (Saa pɛpɛɛpɛ)

Nipa mpɛ m'asɛm nti na menkoaa me nam, menkoaa me nam, menkoaa me nam
Obiaa mpɛ m'asɛm nti no mayɛ ankonam, mayɛ ankonam, mayɛ ankonam
Ɛndɛ me kosɛkosɛ nyinaa hyɛ me tirim oo
Medidi akɔ bebiaa masom bɛdwo me
Aboa no pɛ sɛ ɔka me nti na w'afee ne se akyerɛ me ee, m'awu ee, agyei
Kakraa hyɛ meho nti na ɔne me seresere ɔkura me mu tesɛ anomaa
Ɛna w'akata me so ne ntoma
Anomaa ne ntomaa
W'akata me so ne ntoma
Anomaa ne ntomaa
Me frɛ me maame ee
Nti me kɔ no bɔkɔɔ saa (Saa pɛpɛɛpɛ)
Mɛ kɔ frɛ me maame aba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Maame ee bra na bɛhwɛ wo ba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Sɛ menya sika a na sane eba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Saa saa (Saa pɛpɛɛpɛ)
Mɛ kɔ frɛ me maame aba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Maame ee bra na bɛhwɛ wo ba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Sɛ menya sika a na sane eba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Saa pɛpɛɛpɛ na mɛyɛ no
Ɛyɛ saa na ewiase teɛ
Sɛ wo wɔ adwenfi ma me a, menso mɛfa meho adwene
Ayɛ biribi ama mehunu a daakye bi no
M'anim angu ase da ah
Agyei, ɛyɛ asem oo
Nipa mpɛ m'asɛm nti na menkoaa me nam, menkoaa me nam, menkoaa me nam
Obiaa mpɛ m'asɛm nti no mayɛ ankonam, mayɛ ankonam, mayɛ ankonam
Nti me kɔ no bɔkɔɔ saa (Saa pɛpɛɛpɛ)
Mɛ kɔ frɛ me maame aba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Maame ee bra na bɛhwɛ wo ba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Sɛ menya sika a na sane eba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Saa saa (Saa pɛpɛɛpɛ)
Mɛ kɔ frɛ me maame aba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Maame ee bra na bɛhwɛ wo ba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Sɛ menya sika a na sane eba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Nti me kɔ no bɔkɔɔ saa (Saa pɛpɛɛpɛ)
Mɛ kɔ frɛ me maame aba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Maame ee bra na bɛhwɛ wo ba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Sɛ menya sika a na sane eba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Saa saa (Saa pɛpɛɛpɛ)
Mɛ kɔ frɛ me maame aba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Maame ee bra na bɛhwɛ wo ba (Saa pɛpɛɛpɛ)
Saa pɛpɛɛpɛ
Saa pɛpɛɛpɛ
Written by: Bisa Kdei