Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Edward Amoah
Edward Amoah
Background Vocals
COMPOSITION & LYRICS
Edward Amoah
Edward Amoah
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Pee Gh
Pee Gh
Mastering Engineer

Lyrics

[Verse 1]
Daakye asɛm nti na yesum bɔɔdeɛ a, yesum kwadu
Wompɛ mpaneɛ wɔ hwɛ na woankɔda KorleBu
Kwankyɛn adeɛ yɛfɛ nso no nyinaa gyina wo kotoku mu
Adwuma a ɛsen yɛn so, hwɛ yie na woama w'ani ankum
Mate pae, twa taya tae, neɛ ɔpae boɔ so repae
Nipa nnyɛ aboa mɛnyɛ no hai
Obiaa nnim deɛ ɔbabedi kan
Mframa no bɛto ama atentenhuro asi fɔm
Yɛ na time ɛɛyɛ aso, yebesi ntɛm na yedi kɔm
Ha, tiri mmienu na ɛkɔ ɛnyɛ eti korɔ
Yɛɛkɔ a yɛkɔ no anibrɛ bɛɛma ɛnyɛ adikorɔ
Wobɛsu gya anaa wobɛhwɛ nkwan mu woanhwɛ a woagye asotorɔ
Nnua a asi kwaeɛ wo bɛn ho a wobehunu sɛ ɛnyɛ ade korɔ
Ebia wɔ dwuma a edi, ebiaa wɔ yareɛ a ɛsa
Acheampong kum kuro, ɛsono odum na ɛsono wawa
Bɔadeɛ kyɛɛ obiaa nadom, nana wo botayɛ ne sɛn?
Ɔkɔdeɛ fu ntaban, na apɔnkye nso afu abɛbɛn
Deɛ ɛwɔ sɛ medua mɛdua, daakye mɛte so aba
Megyidie mu na me kura, mebrɛ yi nyinaa nyɛ kwa
Tɔda me nyaa mɛda nso, daa ne daa mehia medawa
Nso yɛɛ na makae sɛ bɛɛma bɛyɛɛ bi nti menya aboterɛ ansa
[Chorus]
Blɛoo
Blɛoo
Sɛ ɔbra no tram woa ɛyɛ na woanom nsu kakraa kɔ
Blɛoo
Blɛoo
Susu tutu mmirika wodeɛ wɔ mu a wonsa bɛka kɔ
Blɛoo
Blɛoo
Bebirebe yi a yɛɛyɛ yi, ɛbɛwie akyire na ebi mfata kɔ
Blɛoo
Blɛoo
Sufrɛ wo Nyame sɛ ɔbra akwantuo yi wɔngye wo taataa
[Verse 2]
Bebirebe yi mfa bi nka ho oo botayɛ a asi w'ani soa na hwɛ oo ɛdeɛn ne frɛdɛ frɛdɛ
Nyankopɔn dde obiaa ne pɛ ama no amfa kɔ hyɛ obi, bibiaa ankɔ ka papa ɛngye kyerɛdɛ
Bebirebe yi mfa bi nka ho oo botayɛ a asi w'ani soa na hwɛ oo ɛdeɛn ne frɛdɛ frɛdɛ
Nyankopɔn dde obiaa ne pɛ ama no amfa kɔ hyɛ obi, bibiaa ankɔ ka papa ɛngye kyerɛdɛ
Written by: Edward Amoah
instagramSharePathic_arrow_out