Lyrics

Ɔtwereduampɔn ani kosua, yɛmfa yɛn nsa nka, yɛnyɛ mistake Sika nie, Kweku nie, Ɔbede nie, fire blaze Yɛahu mo nyinaa, yɛn, yɛahu mo asie (Number One) Yie ei! (Yeah) Ahemfo kyiniiɛ no, ebi didi bi akyi, yɛba badwa mu a yɛhu (whoa!) Yɛnsan kokuromotie ho mmɔ pɔ, obi bɛpa yɛn ho a na agye yɛawu (yeah!) Ɛpɔ a mobɔ faa yɛn ho, neɛ mohyehyɛɛe no nyinaa, yɛahu (huh!) Momfa nea ahenkyɛ no fata no, nyɛ dea ɔde hu bɛhyɛ yɛn mu (no!) Esie ho aba kwan, ɛna ɛrema aboa biara rebɛwura mu bi Yɛabrɛ, nti yɛmma, sɛbe, prako bi mfiri bɔɔla so mmɛyɛ yɛn ho fi (yeah!) Nea ɔde me din akɔ hyɛ baabi a ɔrequenchi me fire no Ɔmfa nantwie nkɔma bosom, deɛ ɔdi y'akyi ne Messiah no (mm) Adwuma no nyinaa na mayɛ no Level no a maduru no, bankomat Matua m'aka o, ogya no asɔ o Atamfo mmɛdeda me fam Messiah, maba o (mommra mmɛdeda me fam) Messiah, m'aba o (ani bɔne ntumi nhwɛ me o) Abɔfra hu ne nsa hohoro a, ɔne mpanyimfoɔ didi (yeah!) Ansa na nifuranii bɛto boɔ, na ne nsa kuta biribi, me ara na mayɛ Nkwadaa nketewa, asukɔnoma, mahwɛ mo ara ma mo se afifi (oh) Ɛnnɛ meka a na yɛaka bi, yɛaba so y'aso asisi Nanso, nyɛ barima ne barima Na barima ne nea ɔsi badwa mu a yɛse, "Barima nie" Deɛn na mayɛ mo a, moretan m'ani saa? 'Kaa mo nko a, nka mawu ama yɛreyɛ m'ayie (whoa!) Bomokyikyie, firi nsuom bɛka sɛ dɛnkyɛm awu a (yeah!) 'Si deɛn na sɛbe, odwan a ɔte fie ne no bɛgye akyinye? Adwuma no nyinaa na mayɛ no Level no a maduru no, bankomat Matua m'aka o, ogya no asɔ o Atamfo mmɛdeda me fam Messiah, maba o (mommra mmɛdeda me fam) Messiah, m'aba o (ani bɔne ntumi nhwɛ) Nsoromma, merentwam da, da, da (mm) RIP, daddy, ɔkyerɛɛ me sɛ mma me mmɔ hu, na adutoɔ nto me da Ɔpɛ me sɛe eh, ɛnkɔsi aga Fɛfɛ na ɛ'fɛ sɛ ɔbaa banyin bɛturu ammirika na wasɔ ne nofo Na ɛnyɛ sɛ ɛbɛte atɔ ntira Agorɔ na mepɛ o, nyɛ sɛ masɛe, nah Seisei me ne obiara nni laughing emoji, mefee me se a, ɛyɛ damage Aboa no pɛ sɛ ɔka wo nti na wafee ne se akyerɛ wo o, hwɛ yie Nnipa nnyɛ, hwɛ yie, ɔnyɛ sumiiɛ na yɛde yɛn ti ato ne so Merebɔ mo kɔkɔ o (kɔkɔ-kɔkɔ) Adwuma no nyinaa na mayɛ no Level no a maduru no, bankomat Matua m'aka o, ogya no asɔ o Atamfo mmɛdeda me fam (yeah, yeah-yeah, yeah-yeah) Messiah, maba o (mommra mmɛdeda me fam) Messiah, m'aba o (ani bɔne ntumi nhwɛ) Adwuma no nyinaa na mayɛ no Level no a maduru no, bankomat Matua m'aka o, ogya no asɔ o Atamfo mmɛdeda me fam Messiah, maba o (mommra mmɛdeda me fam) Messiah, m'aba o (ani bɔne ntumi nhwɛ me o)
Writer(s): Michael Owusu Addo Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out