Credits
PERFORMING ARTISTS
Ayisi
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Emmanuel Kwadwo Oware
Songwriter
Lyrics
[Verse 1]
Wiase ɔboafoɔ yɛ na, bebiree dayɛ so aka wɔn tirim
Hianii a onni adanfo n'ani daasoɔ aa ne sɛ adom wɔ wim
Sɛ atuo enya akyigyinafoɔ a bɛyɛ deɛn na wato akɔ n'anim?
Deɛ ɔboa ne ho yie no ɔno ara na odi nkunim
Sɛ yɛ wo wo to asie so wonkyɛre tenten yɛ
Me nyaa yɛ a na mɛ bue mu a nso ɛyɛ na ɛnyɛ mepɛ
Mpanyin se benkum dware nifa, nifa nso adware benkum
Ɛnyɛ obi biribi ne obi, obi biribi ne nea wayɛ no yie oo
[Chorus]
Ɛmpo m'anfrɛ wo a boa me
Sɛ m'anfrɛ wo a boa me
Awiase onnipa nua ne onnipa oo
Onnipa nua ne onnipa ee
[Verse 2]
Ɛnsa nkɔ na nsa bra ɛyɛ a boa nnipa
Nso nnaano asɛm nti no ɛyaa ma w'ani nna hɔ
Me nyaa wo a mɛma wo nso ɛyɛ a na me yɛm hyehye me
Ɛnkyɛ a na sɛ awirefire o wa ba a bɛ gyegye me
Ɛnto wo a da, wonteaseɛ wɔ hi na wano da mu yi
Asɛm na aba yi, hwɛ sɛ asum aduru me yi
Ankonam sɛɛ me nkoaa na ɛsua me ee
Boafoɔ ɛna nso me a na ehia me ee
Hwan na menfrɛ no mmra?
Ɛmpo m'anfrɛ wo a boa me
Sɛ m'anfrɛ wo a boa me
Awiase onnipa nua ne onnipa oo
Onnipa nua ne onnipa ee
Ɛmpo m'anfrɛ wo a boa me
Sɛ m'anfrɛ wo a boa me
Awiase onnipa nua ne onnipa oo
Onnipa nua ne onnipa ee
Wo nyɔnko wo da ne wo da
Ɛmma ne hia me ansaa na waba
Da ne wo da, da ne wo da
Wo nyɔnko wo da ne wo da
Ɛmma ne hia me ansaa na waba
Da ne wo da, ɛmma ne hia me ansaa na waba
Ɛmpo m'anfrɛ wo a boa me
Sɛ m'anfrɛ wo a boa me
Awiase onnipa nua ne onnipa oo
Onnipa nua ne onnipa ee
Written by: Emmanuel Kwadwo Oware