Music Video

King Paluta - Songs of the legends [Official Audio] [Prod. by King Paluta | Mixed by Apya]
Watch King Paluta - Songs of the legends [Official Audio] [Prod. by King Paluta | Mixed by Apya] on YouTube

Upcoming Concerts for King Paluta

Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
King Paluta
King Paluta
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Thomas Adjei Wireko
Thomas Adjei Wireko
Songwriter

Lyrics

[Intro]
Yeah
Songs of the legends "Legendary"
I am King Paluta
Awch!
Story of my life yeah!
[Verse 1]
Me ne me boys, sika nni yɛ botom a, kɔm tumi de yɛn saa ma y'ani peepee
Adwendwen n'adɔɔso nti yɛntumi nnyɛ kɛsse, y'ayaase kwee aa na ɛkweekwee
Sei na Nyame bɔɔ yɛn, "No", nso dabiaa na yɛ haehae na yɛɛ teetee
Ɛno na me Braa Joe Frazier hu boys a wɔ tumi hu sɛ y'aso ayɛ hyeehyee
Wopɛ obaa biaa wɔnpɛw, wonso ataa wo sɛ wo taa we atadwee dwee
Nyame anpata a, nkwadaa tɔtɔ feefee
Dross ho na wo bɛ beeh beeh
Ɛno na wo kɔ yɛ na polisi kye wo a, wɔ bɛ si w'ani so ama wo se afeefee
Wɔ wei a, w'akye wo akɔ to fie asee see
Down town foɔ ferɛ sɛ pɛ biibi tom a deɛ yɛ ka aa ni
[Chorus]
Yɛɛ twe a yɛnba o, yɛn botom ayɛ dry
Ayɛ sɛ hwene mu nwini wo twe a ɛnba oo
Yɛɛ twe a yɛnba o, yɛn botom ayɛ dry
Ayɛ sɛ hwene mu nwini, woo twe a nnisuo oo
[Verse 2]
Boys abrɛ wɔ street anokwa
Yɛnbu hwee, deɛ yɛ bu a yɛ atopa
Yɛ de yɛ nwom kyini pɛ mboa
Record label wo de w'ano fa yɛ ho a, ɛdane ntokwa
Inspector yere koraa y'abo no, na ɛnyɛ sergent ba
Yɛn picke unknown number cos yɛ dede ka
But kakara bɛ hyɛ yɛ ho a, yɛ pie
Na sɛ yɛ pie, na mmaa no bɛ tom a, wo bɛ te katakyie sɛ woo kɔ fie
[Chorus]
Fa me kɔ
Herh herh herh
Fa me kɔ
Wɔ ne ne boy nɛ nam koraa a wɔ se woo kɔ fie a
Fa me kɔ
Herh herh herh
Fa me kɔ
Obi yɛ obi mpena koraa aa
Fa ne kɔ
Herh herh herh
Fa me kɔ
Ɔbaa kama na wo se lye bɛn
Fa me kɔ
Saa? Yɛn kɔ eee
Fa me kɔ
[Verse 3]
Fa me kɔ deɛ boys pɛ
Ma menkyerɛ wo deɛ ɛyɛ boys dɛ
Baako ne sɛ w'agyegye n'adi na wɔɔ sɛe hɔ
Baako ne w'abɔ hard na sika n'abɛ hyɛ hɔ
Baako nso ne sɛ bɛɛma w'aboro na woo dwonsɔ
Rap King, me ne me boys rap naa still
Wo punches yɛ weak a, ɛnba ha rap battle
W'ama m'akyeew, wo pɛ beef yɛ ma wo cattle
Sɛ ahyew by the way
[Chorus]
Ɛnɛ anadwo eee yɛɛ kɔ mmaa pɛ, sɛ yɛ nya bi a
Tumtum a tumtum sɛ oyioo
Kɔkɔɔ a kɔkɔɔ sɛ sie
Na yɛ de n'aba fie
Y'atwe ama no, y'ayɛ ama no, na yɛɛ ware no
Ɛnɛ annwummerɛ eee yɛɛ kɔ mmaa pɛ, sɛ yɛ nya bi a
Tumtum a tumtum sɛ oyioo
Kɔkɔɔ a kɔkɔɔ sɛ sie
Na yɛ de n'aba fie
Y'atwe ama yɛn, y'ayɛ ama wɔn, na yɛɛ ware wɔn aaa awu oo
[Verse 4]
M'aferɛ girl baako, ɔbaa Augeh
Asoro bɔgɛ
Fa wo serem kɔkɔɔ bɛ di me serem gorbɛ
Ahomasoɔ nti wo kasa sɛ deɛ Kristo baa wiase na wo Nana nɛ yi n'abɔdwesɛ
Twe ma me na ɛnɛ menni biibi di
Me hwɛ wo hwɛ other girls, m'ani so bisibisi
Wo ama m'ahitte
Me bom na ɛkɔ wo ho a wewe
Na wo pɛ sɛ me kyɛ wo adeɛ a, gogo wo ho, ɛnyɛ gidigidi
[Chorus]
Aaaaah, ɛyaa gogo woho, na menkyɛ w'adeɛ
Oooooh, ɛyaa gogo woho, na menfa ma wo
Aaaaah, ɛyaa gogo woho, na menkyɛ w'adeɛ
Oooooh, ɛyaa gogo woho, na menfa ma wo
[Verse 5]
Gogo wo ho, mɛ ma no akɔ we wedeɛ mu
M'awoso wo ama w'ahu sɛ ampa, y'aduru awieɛ mmerɛ mu
Sɛ nka pito na yɛ de sa malaria yareɛ a nka yɛnfa Chloroquine nkɔ serem
Yɛ kɔ tour no ba na ɛbɛ hyɛ yɛ ho a
Deɛ wo pɛ no, ne boɔ da sɛn, ne boɔ da sɛn
Ɛnɛ yɛn da na obi ada bi, yɛ bɛ da dabɛn, yɛ bɛ dabɛn
[Chorus]
Ɛnɛ yɛ bɛ da ɔkyena
Eee ee, hwehwɛ mu kɔ yi wo mpena
Ɛnɛ yɛ bɛ da ɔkyena
Ɛnɛ yɛ bɛ da next week, woteaseɛ
Hwehwɛ mu kɔ yi wo mpena
[Verse 6]
19 kojo hoo na me ne me boys gyina mu wɔ Maa Tess
Sɛ yɛnni cash, deɛ ahunu amane yɛ Maa pess
19 twooboi na yɛ hyee ase nyaa girls
Since the days of cassette
Na y'abue gya, abue nsuo
Nti afei na w'asi so a, ma me ma w'afutuo
Oboyy, mɛnfa wo sisi ndi agorɔ oo, ow ow ow
[Chorus]
Sisi yadeɛ wom
Hwɛ w'abrabɔ so na sisi yadeɛ wom
Me kae boys yi girl bi maa me, gyama na ɔmo dwene sɛ
Sisi yadeɛ wom
[Verse 7]
Ma me nbɔ mo me ne girl no issue
Wontumi mpo hwɛ no, na w'aferɛ no, na w'abɛ fiiw
Wɔ se thank God I met you
Wɔ se I wanna undress you
Wɔ se me I wanna sex you
Me se, hehehe, thank you
Nti me deɛ na mee kɔ me baabi o "Ɛna"
Wɔ ferɛɛ me oo "Ɛna"
Wɔ se wɔ feeli me, wɔ pɛ sɛ wɔ ne me twi oo "Ɛna"
Me se alright "Ɛna"
Me twaa flight "Ɛna"
De kɔ hyiaa no bɛ hwe body bɛ hwɛ thighs "Ɛna"
Yɛ hyɛɛ ase "Ɛna"
Wɔ daa m'ase "Ɛna"
Na mente n'ase na me tee n'ase "Ɛna"
Ɛna na wɔɔ yɛ allo "Ɛna"
Ɛna me se no sɛ woo yɛ ayɛ Kolo
[Chorus]
Ɛmmerɛ adane yi nti wonhu ee anaa?
Woo yɛ ayɛ Kolo
Story of my life oo joo
Nti wontee anaa
Woo yɛ ayɛ Kolo
[Verse 8]
Asuo tie tie tie me ne boys chale rap nti na
Papa bi kaa sɛ yɛnfa yɛ nwom nbɛ hyia no wɔ dinner
Wɔ se wɔ bɛ boa, sɛɛ wɔ boa, me kyee ne lye naa na me faa ho aa de wee ne ba Philomena
Bue! Yesu
Asɛm ato kusie
[Chorus]
Monkey chop banana ɔwɔm
Ɔwɔm, ɔwɔm, ɔwɔm
Ɔwɔm, ɔwɔm, ɔwɔm
Shawdy want the banana
Monkey chop banana ɔwɔm
Me ne me boys, y'anfa no fo, whassup, "Ɔwɔm"
But right now, ebi we we dey pop "Ɔwɔm"
Yɛnpɛ monkey dey work, baaboo dey chop cos
Monkey chop banana
[Verse 9]
Joo, ɛno nso so deɛ plan bɛn "Plan A"
Wo sika ɛsa a na ato plan "Plan B"
Obi de ne car bɛ twa mu a wo se bɔ abɛn
Pɔpee pɔpee, pepepe pɔɔpɔɔ
Nana wei nso so yɛ Plan bɛn "Plan A"
Plan A nanfa a, "Plan B"
Sɛ plan B nanfa a plan C
Ɛnɛ me ne me boys, we dey blow wonna trumpet
Paah paah herrh boy
Trumpet
Written by: Thomas Adjei Wireko
instagramSharePathic_arrow_out