Lyrics

Wei nkɔ ɛma ɛna siwaa
Wei nkɔ ɛma mmaa
Wei nkɔ ɛma dea wawo ntaafoɔ
Bɛrima ne ɔbaa
Ɔbaatan na onim dea neba bedi meboa anaa?
Nti aduane ɛbɛ setti yeyi y'ani na yafa no saa firi se
Maame maame
Meyɛ abɔfra wo fa me fa me
Nufonsuo a wode ma me ma me
Bosome nkron a wode carry me carry me
Maame maame
Meyɛ abɔfra wo fa me fa me
Nufonsuo a wode ma me ma me
Bosome nkron a wode carry me carry me
Bosome nkron ne nyinasɛn nso wafa nyinaa mu
Maame obaatan pa na ɛbɛ kyerɛ wo ɔdɔ abre nyinaa mu
Nsuo ɛɛtɔ o, awia ɛɛbɔ o, wobɛ hwɛ na wɔnenam mu
Ɔhwɛ sɛɛ bibiara bɛkɔ so ama wo ɔpɛ wo yie mu
Na paapa nhyɛda nni hɔ nti maame na ɛhwɛ me
Savage no dea mea oo nso home courtesy maame na ɛkyerɛ me
Ɔse menbu obia mekyɛn no ɛne obia ɔkyɛn me
Yɛkyee me hyɛɛ efiease maame pɛ na ɛbɛ hwɛɛ me
Ɛyɛ real
Maame maame
Meyɛ abɔfra wofa me fa me
Nufonsuo a wode ma me ma me
Bosome nkron a wode carry me carry me
Maame maame
Meyɛ abɔfra wofa me fa me
Nufonsuo a wode ma me ma me
Bosome nkron a wode carry me carry me
Hello Derrick
Good morning
Ɛte sɛn?
Me gyedi sɛ Nyame adom wo ho yɛ
Menso meho yɛ paa
Derrick, mepɛ sɛ ɛnnɛ anɔpa yi
Kwasiada anɔpa me ne wo kasa
Esansɛ wiase obiara wɔ neɛ Nyame de maa no sɛ ɔmbɛ yɛ wɔ wiase
Ɛyɛ
Wo to nnwom, ɛyɛ
Nnwomtofoɔ dɔɔso
Ɛna wonso wo se neɛ wo bɛyɛ nono
Nyame nhyira so
Na wo nnwomtoɔ no ɛnkɔ akyire
Me deɛ dabiara mpaebɔ a me bɔ ma wo ne sɛ Nyame behyira me mma nyinaa
Na daakye mehunu sɛ asi wɔmo yie
Written by: Derrick Okyere Brobbey, Michael Dela Gafatchi
instagramSharePathic_arrow_out