Music Video

Yayaaya (Kwadwo Akwaboah Tribute song)
Watch Yayaaya (Kwadwo Akwaboah Tribute song) on YouTube

Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Gladstorm Akwaboah
Gladstorm Akwaboah
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Gladstorm Akwaboah
Gladstorm Akwaboah
Songwriter

Lyrics

Mframa bɔne bi abɔ Ama odupɔn kɛseɛ bi atutu Yɛn papa, Kwadwo Akwaboah Nyame mfa wo kra ɛnsie Daddy, we love you so much Yie ei Owuo yi ayɛ me ya Nyame mfa wo kra nsie Papa kan na ɛnim nea ne mma bɛdie Nti meresu me su yi a, ɛyɛ a na obi nte me aseɛ, aane Efirisɛ obi anwo wo a, ɔnnim Sɛ woba na mayɛ dinn a, nyɛ sɛ meyɛ animuonyam pɛ o M'afutufoɔ na owuo de no kɔ yi o Kwadwo Akwaboah na ne nsa gu ne bo yi o Mpanimfoɔ se, "Agya bi wu a, agya bi te ase o" Ebi wɔ hɔ deaa, ɛyɛ a monkyerɛ me ɛ Yie ei, yie ei Meda a, ɛnna Mesu a, ɛmma Mesere a, ɛmfa Agya ei, wowɔ hen o? Woama wo mma ani ayɛ yɛn yayaaya o Ei, woama wo mma ani ayɛ yɛn yayaaya o Meda a, ɛnna Mesu a, ɛmma Mesere a, ɛmfa Ɛna ei, wowɔ hen o? Woama wo mma ani ayɛ yɛn yayaaya o Ei, woama wo mma ani ayɛ yɛn yayaaya o Nsuo antɔ o Na mante bosuo nso nka Na afei, ɛbaa no sɛn Ɛna gya tiatia a mede hwɛ kwan mu no Wadum agya me kwantinfi yi? Aaah, Daa! Aaah Yie ei, yie ei Meda a, ɛnna Mesu a, ɛmma Mesere a, ɛmfa Agya ei, wowɔ hen o? Woama wo mma ani ayɛ yɛn yayaaya o Ei, woama wo mma ani ayɛ yɛn yayaaya o Meda a, ɛnna Mesu a, ɛmma Mesere a, ɛmfa Ɛna ei, wowɔ hen o? Woama wo mma ani ayɛ yɛn yayaaya o Ei, woama wo mma ani ayɛ yɛn yayaaya o, oh
Writer(s): Seth Miah Lyrics powered by www.musixmatch.com
instagramSharePathic_arrow_out