Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Kwan Pa
Kwan Pa
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Kwan Pa
Kwan Pa
Composer
PRODUCTION & ENGINEERING
Kwan Pa
Kwan Pa
Producer
KojoSteve
KojoSteve
Producer

Lyrics

Nnamfofoɔ mmienu bi na ɛteɛ
Gyato frɛɛ Mensah sɛ yɛmfa yɛnho adwen
Ɔse Mensah nea makɔ hu wɔ kurom’ nnɛ sɛ w’ani
M’akɔhyia Kofi
Kofi car ɔda mu oo
Ɛwɔ ataban
Kofi car ɔda mu oo
Ɛwɔ ataban
Kofi apɔnkye car ɔda mu
Tiwui paa na w’anya car papa damu yi
Anadwo no Gyato anna
W’adwen adwen adwen adwen ama adeakye wɛɛ
Ɔse Mensah kwan bia so me nso mɛyɛ yie (Mɛyɛ yie)
Kwan papa so o, kwan bɔne so o (Mɛyɛ yie)
Ampa, ahemadakye Gyato sii mu panpan
Kɔɔ wuram’ kɔɔ mmoatia hene hɔ
Ka kyerɛ no sɛ nana, me’bɛgye sika’duro
Mmoatia hene hwɛɛ Gyato anim din ka kyerɛɛ no sɛ
Gyato sika no deɛ me de bɛma wo
Na emom mmra wɔ ho, wo betumi?
Ɔse Nana metumi
Ne mprenu so wobetumi?
Ɔse Nana metumi
Ne mprɛnsa so
Gyato wobetumi
Ɔse Nana metumi
Ɔse ɛneɛ mmra no nie
Da koro bi a wo wɔ ho kwan sɛ
Wo gu nsuo baako pɛ
Ɛda a wo begu nsuo mprenu koraa no
W’awieyɛ aba, Gyato wobetumi?
Ɔse Nana metumi
Anibre nyɛ oo
Anibre nyɛ oo, asaase yi so
Anibre nyɛ oo, asaase yi so
Anibre nyɛ oo, asaase yi so
Anibre nyɛ oo, ɛwɔ asaase yi so wate
Mmoatia hene frafraa nneɛma maa Gyato
Ɛka kyerɛɛ Gyato sɛ, kɔ
Bosome mmienu akyi wo be hu nsɛnkyerɛne
Gyato kɔɔ yɛ ampa, bosome mmienu akyi
Sika aba sei tam, Gyato na w’anya ne ho yi
Gyato nso akɔtɔ hyɛn, w’akɔtɔ car
Afei Gyato yɛɛ n’adwen sɛ ɔbɛto pono
Na ɔno nso afrɛ ne nnamfofoɔ
Na w’afrɛ Kofi Apɔnkye aka ho na ɔno nso ahu sɛ
Ampa, ɔno Gyato, ɔno nso anya sika
W’ayɛ sikani
Gyato de apontoɔ yi hyehyɛɛ so
Nnamfofoɔ aba, yeedi bi, yɛɛnom bi
Gyato werɛ afi ne ho sɛ anɔpa no
W’agu nsuo dada
Ɛna ɔde ne ho afra nnamfofoɔ
Wɔmo di na o’odi
Wɔmo nom na o’onom
Ei! Afei apontoɔ yi baa awieyɛ
Mensah kogyaa kwan
Afei Gyato na ɔpɛ sɛ ogu nsuo yi
Wɔde ne nsa asɔ ne yam
Ɛna ɔda fɔm
Mensah kogyaa kwan ba yɛ a, Gyato da fɔm
Gyato dɛn n’ɛyɛ wo?
Hmm, ɛdɛn ne hmm yi?
Ɛdɛn n’ɛyɛ wo Gyato?
Mensah, me nyaa yɛ a, megu nsuo
Na sɔre kɔ ɛ?
Hmmm, anibre nyɛ oo
Anibre nyɛ oo, asaase yi so
Anibre nyɛ oo, asaase yi so
Anibre nyɛ oo, asaase yi so
Anibre nyɛ oo, ɛwɔ asaase yi so wate
Anadwo no Gyato anna
Mpanyinfoɔ ka asɛm sɛ
Hwimhwim adeɛ wɔ hɔ yi
Ɛkɔ sɔɔsɔɔ
Ɛba ntɛm a, ɛbɛkɔ ntɛm
Anadwo no Gyato anna
Mpanyinfoɔ ka asɛm sɛ
Sika anibre wɔ hɔ yi
Ɛda owuo afa
Ɛno nti sɛ w’ani bere sika a
Na w’ahwɛ no yie
Anadwo no Gyato anna
Kwan Pa yɛnam nwom yi so
Eetu wo fo sɛ, wo bɛ pɛ sika a
Pɛ no kwan pa so
Efisɛ sika anibre deɛ
Ɛda owuo afa
Anibre nyɛ
Anibre nyɛ oo, asaase yi so
Anibre nyɛ oo, asaase yi so
Anibre nyɛ oo, asaase yi so (Awieyɛ)
Anibre nyɛ oo, ɛwɔ asaase yi so wate
Written by: Kwan Pa
instagramSharePathic_arrow_out