Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Ceccy Twum
Ceccy Twum
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Ceccy Comfort Ampratwum
Ceccy Comfort Ampratwum
Songwriter

Lyrics

Sɛ mekum me ho a, anka m'ayɛ me ho o
Sɛ mesɛn me ho a, sɛɛ anka m'anu me ho o
Sɛɛ na asoɔkyire no akyire no anidasoɔ bi wɔ hɔ ma me
Asoɔkyire akyire no ei, adansidie bi wɔ hɔ ma me
Sɛ mekum me ho a, sɛɛ anka m'ayɛ me ho o
Sɛ mesɛn me ho a, sɛɛ anka m'anu me ho o
Sɛɛ na aniguaseɛ no akyire no anidasoɔ bi wɔ hɔ
Sɛɛ na nkoguo no akyire no ei, yiedie bi wɔ hɔ ma me
Oh nsɔhwɛ n'akyire no, anidasoɔ wɔ hɔ o
Sɛɛ na aniguaseɛ no akyire no nkunimdie wɔ hɔ ma me
Eboo, sumenaso adeɛ bi o, me na Awurade ɛyɛ me sei yi a
M'aseda yɛ wo dea
Aseda aseda nyinaa yɛ wodeɛ oo
Eboo, sumenaso adeɛ bi o, me na Awurade ɛyɛ me sei yi a
M'aseda yɛ wo dea
Ɛyɛ ampa ɛnnɛ w'agyai me serew
Aseda oo aseda oo aseda oo
Yɛde ma wo
Yɛde aseda oo aseda oo aseda oo
Yɛde ma wo
Me nim m'ase paa ɛna menim beebi a mefiri
Sɛ ɛnyɛ Awurade adom a anka sumenaso deɛdɛn ne me a
Sumenaso adeɛ na Awurade w'ayɛ me sei
Sumenaso adeɛ na Awurade w'ayɛ me sei
Oh sumenaso mmire nka mebɛyɛ deɛn wɔ kwansan mu o?
Tofokye a meda kwantenpɔn so sɛɛ na me bɛyɛ ogya
Adeɛ Nyame w'ayɛ yi o, ɛyɛ me huahua o
Adeɛ Jesus w'ayɛ yi o, ɛyɛ me fɛ o
M'akoma mu asɛm ka nie
Eboo, sumenaso adeɛ bi o, me na Awurade ɛyɛ me sei yi a
M'aseda yɛ wo dea
M'ansusu sɛ Nyame bɛyɛ me sei
Eboo, sumenaso adeɛ bi o, me na Awurade ɛyɛ me sei yi a
M'aseda yɛ wo dea
Count your blessings, name them one-by-one
Aseda oo aseda oo aseda oo
Yɛde ma wo
Yɛde aseda oo aseda oo aseda oo
Yɛde ma wo
Eboo, sumenaso adeɛ bi o, me na Awurade ɛyɛ me sei yi a
M'aseda yɛ wo dea
Eboo, sumenaso adeɛ bi o, me na Awurade ɛyɛ me sei yi a
M'aseda yɛ wo dea
Aseda oo aseda oo aseda oo
Yɛde ma wo
Yɛde aseda oo aseda oo aseda oo
Yɛde ma wo
Written by: Ceccy Comfort Ampratwum
instagramSharePathic_arrow_out