Top Songs By Obaapa Christy
Similar Songs
Lyrics
Obiara nni hɔ, kae me o, kae me o mewura
Obiara nni hɔ a ɔde ne ho ato wo so ama n'anim aguase nti
Agya eh, kae ma daa mewura
Obiara nni hɔ a ɔde ne ho ato wo so ama n'anim aguase o
Mewura eh kae me o
Abrabɔ yi sɛ ebeyeyie a na efiri wo ara o
(Efiri wo Agya eh) asetena yi mu bɛkɔ so a na efiri wo ara
(Efiri wo) ye, mediyie a Papa na efiri wo ara o
(Efiri wo Agya eh) me Nyame mɛkɔso a na efiri wo ara (efiri wo o)
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo Yesu eh
Mano nyeyie oo ɛmma me daa
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo Yesu eh
Mano nyeyie oo ɛmma me daa
Mese mede m'ani ato wo so
Menyi me mma o Ɔdomfoɔ
Me nna ne m'agya de wɔn ho too wo so no
Woanyi wɔn ama o
Efiri me mmɔfrase besi nnɛ no Adwoa
Menhunu ɔteneneeni a woadi woakyiri
Ama n'anim aguase Ɔdomfoɔ eh
Abrabɔ yi sɛ ebeyeyie a na efiri wo ara o (efiri wo o) Ɔdomfoɔ eh
Mese mede m'ani ato wo so
Menyi me mma o Ɔdomfoɔ
Me nna ne m'agya de wɔn ho too wo so no
Woanyi wɔn ama o
Efiri me mmɔfrase besi nnɛ
Menhunu ɔteneneeni a n'asefoɔ resrɛsrɛ adeɛ da Owura eh
Abrabɔ yi sɛ ebeyeyie a na efiri wo ara o (efiri wo o)
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo Yesu eh
Mano nyeyie oo ɛmma me daa
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo Yesu eh
Mano nyeyie oo ɛmma me daa
Ɛmma mensrɛ ansaana m'adi
Medi wo ho adanseɛ
Papa eh, sɛ yɛrefrɛfrɛ a, ma yɛnfrɛ me bi, wo ba
Papa mma amansan nyinaa ahunu sɛ
Wohyɛ a na egyina, wokan na ɛba mu
Mano nyeyie, ma no nyeyie, ma no nyeyie, ɛmma me daa
Sɛ yɛrefrɛfrɛ a, ma yɛnfrɛ me bi, wo ba
Ɛmma mensrɛ ansaana m'adi
Medi wo ho adanseɛ
Medeɛ mɛma amansan nyinaa ahunu sɛ
Wohyɛ a na egyina, wokan na ɛba mu
Mano nyeyie, ma no nyeyie, ma no nyeyie, ɛmma me daa
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo Yesu eh
Mano nyeyie oo ɛmma me daa
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo Yesu eh
Mano nyeyie oo ɛmma me daa
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo Yesu eh
Mano nyeyie oo ɛmma me daa
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo Yesu eh
Mano nyeyie oo ɛmma me daa
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo
Mano nyeyie oo Yesu eh
Mano nyeyie oo ɛmma me daa
Mano nyeyie
Na mɛdawoase, mɛdawoase!