Featured In

Credits

PERFORMING ARTISTS
Yaw Sarpong
Yaw Sarpong
Performer
Asomafo
Asomafo
Performer
COMPOSITION & LYRICS
Yaw Sarpong
Yaw Sarpong
Songwriter
PRODUCTION & ENGINEERING
Roots Music World
Roots Music World
Producer

Lyrics

Homhom krɔnkrɔn a wote me mu
Meserɛ wo sɛ wokasa kyerɛ me a, ma mente wo ni yie paa
Homhom krɔnkrɔn a wote me mu
Meserɛ wo sɛ wokasa kyerɛ me a, ma mente wo ni yie paa
Ebia na wo yi me afiri ɔhaw bi mu
Ɛbɛ yɛ deɛn na me ho atɔ me o
Sɛ m'ante ɛni kasa no yie aa
Mɛkɔ akɔtɔ amane kɛseɛ mu
Ebia na wo yi me afiri ɔhaw bi mu
Ɛbɛ yɛ deɛn na me ho atɔ me o
Sɛ m'ante ɛni kasa no yie aa
Mɛkɔ akɔtɔ amane kɛseɛ mu
Ɛtɔ da bi a na ɛne bi rekasa
Ɛni bi rekasa kyerɛ me oo
Na menhunu nipa korɔ a ɔkasa
Adeɛ bi a mepɛ sɛ meyɛ no m'abrabɔ mu
Ɛni bi kasa kyerɛ me sɛ me yɛ
Ɛni bi nso kasa sɛ menngyae
Ɛkwan bi a mepɛ sɛ me tu wɔ m'abrabɔ mu
Ɛni bi kasa kyerɛ me sɛ menkɔ
Ɛni bi nso kasa sɛ menngyae
Ebia na akɔ fa ɔhaw abrɛ me
Ebi nso a na ɛde nhyira na ɛba
Homhom krɔnkrɔn sɛ wo kasa kyere me aa
Meserɛ wo ma me nte wo ni yie
Homhom krɔnkrɔn a wote me mu
Meserɛ wo sɛ wokasa kyerɛ me a, ma mente wo ni yie paa
Homhom krɔnkrɔn a wote me mu
Meserɛ wo sɛ wokasa kyerɛ me a, ma mente wo ni yie paa
Ebia na wo yi me afiri ɔhaw bi mu
Ɛbɛ yɛ deɛn na me ho atɔ me o
Sɛ m'ante ɛni kasa no yie aa
Mɛkɔ akɔtɔ amane kɛseɛ mu
Ebia na wo yi me afiri ɔhaw bi mu
Ɛbɛ yɛ deɛn na me ho atɔ me o
Sɛ m'ante ɛni kasa no yie aa
Mɛkɔ akɔtɔ amane kɛseɛ mu
Adeɛ bi obi de ayɛ me
Sɛneɛ asi afa ahye me no
Asi me tiri mu na meyɛ abɔdam
Sɛneɛ wiase ayɛ den yi
Ama nnipa nhunu ne ho ano yi
Kwan bɔne bi a obi de me nam so a
Mepɛ sɛ meyɛ no bi paa ma ne hunu sɛ
Sɛ w'afa no afoforofoforo a
Ontumi mfa foro me so da
Mepɛ sɛ meyɛ no bi paa ma ne hunu sɛ
Sɛ ɔse nka n'ani yɛ den a
W'ahyia Kyeiwaa ne no mba
Nanso ɛni bi kasa sɛ mengyae
Ɛni foforɔ bi kasa sɛ me nyɛ
Ɛno na ato me adwendwen yi
Ebia na akɔ fa ɔhaw abrɛ me
Ebi nso a na ɛde nhyira na ɛba
Homhom krɔnkrɔn sɛ wo kasa kyere me aa
Meserɛ wo ma me nte wo ni yie
Homhom krɔnkrɔn a wote me mu
Meserɛ wo sɛ wokasa kyerɛ me a, ma mente wo ni yie paa
Homhom krɔnkrɔn a wote me mu
Meserɛ wo sɛ wokasa kyerɛ me a, ma mente wo ni yie paa
Ebia na wo yi me afiri ɔhaw bi mu
Ɛbɛ yɛ deɛn na me ho atɔ me o
Sɛ m'ante ɛni kasa no yie aa
Mɛkɔ akɔtɔ amane kɛseɛ mu
Ebia na wo yi me afiri ɔhaw bi mu
Ɛbɛ yɛ deɛn na me ho atɔ me o
Sɛ m'ante ɛni kasa no yie aa
Mɛkɔ akɔtɔ amane kɛseɛ mu
Homhom krɔnkrɔn a wote me mu
Meserɛ wo sɛ wokasa kyerɛ me a, ma mente wo ni yie paa
Homhom krɔnkrɔn a wote me mu
Meserɛ wo sɛ wokasa kyerɛ me a, ma mente wo ni yie paa
Ebia na wo yi me afiri ɔhaw bi mu
Ɛbɛ yɛ deɛn na me ho atɔ me o
Sɛ m'ante ɛni kasa no yie aa
Mɛkɔ akɔtɔ amane kɛseɛ mu
Ebia na wo yi me afiri ɔhaw bi mu
Ɛbɛ yɛ deɛn na me ho atɔ me o
Sɛ m'ante ɛni kasa no yie aa
Mɛkɔ akɔtɔ amane kɛseɛ mu
Written by: Yaw Sarpong
instagramSharePathic_arrow_out