Music Video

Bisa Kdei - Bie Wueni ft Kumi Guitar & Akwaboah (Official Audio)
Watch Bisa Kdei - Bie Wueni ft Kumi Guitar & Akwaboah (Official Audio) on YouTube

Featured In

Lyrics

[Chorus]
Ɛnnamfosɛm bebiree tumi fra w'ani oo
Bie woani na wonhwease
W'anhwɛ yie a wo nyɔnko bɛtɔn wo ama obi di nti no
Bie woani na wonhwease
Wone no kɔ a wone no ba susu ka wasɛm wei
Bie woani na wonhwease
So so many friends go cause you trouble
[Verse 1]
The one you call your best friend to has a friend
Nti woka asɛm baako a woaka adu
Yɛse dua korɔ gye mframa a ebu
Menkoaa megye me mframa mee ma me nkrabata mu ayɛ den
Woda dɛm paa nso wo nan wɔ abɔnten
Onipa a ɔpɛ asɛm biaa ɛyɛ a ɛne kasa tenten
Ɔpɛ woasɛm akɔ nti, ɔde no dinn dinn dinn saa
Na onya neɛ ɔpɛ a wobɛ te ne nka wɔ badwa mu
Yɛse sotorɔ mmienu ma ani hanhan
Agya baako mpo na menhunu so yi yeah
[Chorus]
Ɛnnamfosɛm bebiree tumi fra w'ani oo
Bie woani na wonhwease
W'anhwɛ yie a wo nyɔnko bɛtɔn wo ama obi di nti no
Bie woani na wonhwease
Wone no kɔ a wone no ba susu ka wasɛm wei
Bie woani na wonhwease
So so many friends go cause you trouble
[Verse 2]
Onipa dasɛnii kyiri apɔnkyerɛnii
Nso ɔnom ne ho nsuo
Me ne no mmienu na ɛbɔ nkoa mu
Yɛwɔ nyɔnkoɔ na yɛwɔ nyɔnkoɔ
Ɛwɔ mu sɛ nyɔnkoɔ bi sen onua
Nso ɛkaa menkoa anka yɛnsonsɔn yɛn ho
Medeɛ mempɛ meho asɛm nti menkoaa na mme nam hwɛ
Mempɛ meho asɛm mempɛ meho asɛm mempɛ meho asɛm
Ɛnyɛ sɛ meyɛ anuonyampɛ, nipa nyɛ
Wopɛ no yie no na ɔpɛ wo ahweaseɛ
Namfosɛm bɛma wode nnanka abɔ kɛhyire
Wonnim owuo a hwɛ nna
Namfosɛm nti na kɔtɔ anya tire ah
Aboa kɔtɔ anya tire
[Verse 3]
Obi ne nyɔnko bi atena akyɛ
Obi a ɔmo didi atere baako ano
Baako nkɔ ngya baako
Nanso baako ka asɛm a baako ano nnɛ
Neɛ ɔnkaa asɛm no, nyaa asɛm bi
Ɛyɛ asɛm kɛseɛ paa
Nanso esan awerɛhyɛmu a ɔwɔ ne nyɔnko ne mu nti ɔkaa bibiara kyerɛ no
Nanso nipa yi nano nda yi
Ɔno nso wɔ adamfo bi akeepe no secret
Asɛm aba
[Verse 4]
Ɛyɛ asefem oo
Tie, duawa nkoaa na enim tokoro ahodorɔ a ɛdede wose mu
Duawa nkoaa na enim tokoro ahodorɔ a ɛdede wose mu ah
Adamfoɔ yia na onim wo adifire ne wo firiba mu
Ɔnoa nso na onim wo bɔtɔ mu aa
Ɔbaa abɛ te yi, ɔde mekɔ gyina abɔnten ee
Na watɔn me tesɛ dɔkono ee
Sɛ obiaa ntɔ bi oo, yeah
Wei nti na mayɛ mehoo sɛ aboa ɔkɔtɔ yi a
Menni tire nti mensuro ati payɛ
Menni tire nti mensuro ati payɛ
Akokɔ ee, mempɛ bɛɛbi a ɛnsa wɔ
Firi sɛ meeba bɛ nom aboro yi aa mewerɛ be firi akorɔma
Na sɛ ɔfa memma a mɛyɛ no deɛn ni
Na nipa nyɛ oo, nipa nyɛ oo wate
Hmmm
[Chorus]
Hunu sɛneɛ wobɛ ka wasɛm wɔ bedwa mu oo
Bie woani na wonhwease
W'anhwɛ yie a wo nyɔnko bɛtɔn wo ama obi di nti no
Bie woani na wonhwease
Wone no kɔ a wone no ba susu ka wasɛm wei
Bie woani na wonhwease
So so many friends go cause you trouble
instagramSharePathic_arrow_out